Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
22 Ɛda a Yehowa gyee Dawid firii n’atamfo nyinaa nsam,+ na ɔgyee no firii Saul nsam+ no, saa da no na Dawid kaa dwom+ yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa. 2 Ɔkaa sɛ:
“Yehowa ne me botan, m’abandenden,+ ne me Gyefoɔ.+
3 Me Nyankopɔn yɛ me botan.+ Ɔno ne me dwankɔbea,
Me kyɛm+ ne me nkwagyeɛ abɛn,
me hintabea.+ Me dwankɔbea,+ me Gyefoɔ;+ wogye me firi awudisɛm mu.
4 Yehowa fata ayeyie paa, na ɔno na mesu frɛ no;
Ɔbɛgye me afiri m’atamfo nsam.
5 Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ;+
Ahuhufoɔ a wɔte sɛ nsuyire hunahunaa me.+
6 Adamena nhoma twaa me ho hyiaeɛ;+
Owuo sum mfidie wɔ m’anim.+
7 Mesu frɛɛ Yehowa wɔ m’ahohia mu;+
Mesu frɛɛ me Nyankopɔn daa.
Ɔtee me nne wɔ n’asɔrefie hɔ,
Na me sufrɛ no duruu n’asom.+
8 Ɛnna asaase hinhimiiɛ,na ɛwosoo dendeenden;+
Ɔsoro fapem wosoeɛ,+
Na n’abufuo nti, ɛwosoo biribiri.+
9 Wisie firi ne hwene mu pueeɛ,
Na egya a ɛhye adeɛ firi n’anom baeɛ;+
Nnyasramma firi ne mu dɛreeɛ.
10 Ɔmaa ɔsoro kuntunuiɛ,na ɔsianeeɛ.+
Ná mununkum kusuu wɔ ne nan ase.+
11 Ɔtenaa kerubim so tu baeɛ.+
Na wɔhuu no sɛ ɔte ɔbɔfoɔ ntaban so.+
12 Afei ɔde esum kataa ne so te sɛ apata,+
Ɔde nsuo a amuna tumm ne mununkum kusuu kataa ne ho.
13 Hann a ɛfiri n’anim no, emu na nnyasramma firi dɛreeɛ.
14 Ɛnna Yehowa firi soro boboom;+
Ɔsorosoroni no maa ne nne so.+
15 Ɔtotoo n’agyan,+ na ɛbɔɔ wɔn hweteeɛ;
Ɔmaa n’anyinam pae guu wɔn so, na wɔn ani so tan wɔn.+
16 Ɛpo ase daa adi,+
Asaase fapem yii ne ho adi, Yehowa animka
Ne ne hwene mu home nti.+
17 Ɔtenee ne nsa firii soro;
Ɔsɔɔ me mu yii me firii nsuo a emu dɔ mu.+
18 Ɔgyee me firii me tamfo hoɔdenfoɔ nsam,+
Wɔn a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den sene me no.
19 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da,+
Nanso Yehowa twitwa gyee me.
20 Ɔde me kɔɔ baabi a bɔne biara renka me;+
Ɔpɛ m’asɛm nti, ɔgyee me.+
21 Me tenenee nti, Yehowa tua me ka;+
Me ho a ɛnni asɛm nti, ɔma me akatua.+
22 Mafa Yehowa akwan so,
Na mennyaa me Nyankopɔn nkɔyɛɛ bɔne.
23 N’atemmusɛm+ nyinaa wɔ m’anim;
N’ahyɛdeɛ+ nso, meremmane mfiri ho.
24 Meremma asɛm mma me ho+ wɔ n’anim,
Na mɛtwe me ho afiri bɔne ho.+
25 Me tenenee ne me ho a ɛnni asɛm nti,
Ma Yehowa mma me akatua.+
26 Deɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, wo nso wobɛdi no nokorɛ;+
Ɔbarima a ne ho nni asɛm no, wobɛma no ahu sɛ wo ho nni asɛm;+
27 Deɛ ɔyɛ kronkron no, wo nso wobɛyɛ kronkron ama no,+
Na deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ no, wobɛkyerɛ no sɛ w’ani ate kyɛn no.+
28 Wotwitwa gye ahobrɛasefoɔ;+
Na ahantanfoɔ deɛ, w’ani sa wɔn, na wobrɛ wɔn ase.+
29 O Yehowa, wo ne me kanea;+
Yehowa na ɔma esum dane hann ma me.+
30 Woboa me ma meto hyɛ akorɔmfo-werɛmfoɔ dɔm so;
Onyankopɔn tumi nti, metumi foro fasuo.+
31 Nokorɛ Nyankopɔn no kwan di mu;+
Yehowa asɛm nso, wɔasɔne so.+
Ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔde no ayɛ wɔn dwankɔbea nyinaa.+
32 Hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Yehowa ho?+
Na hwan na ɔyɛ ɔbotan ka yɛn Nyankopɔn ho?+
33 Nokorɛ Nyankopɔn no ne m’abandenden,+
Na ɔbɛma me kwan adi mu.+
34 Ɔma me nan yɛ sɛ wansane deɛ,
Na ɔma megyina sorosoro.+
35 Ɔkyerɛ me nsa akodie;
Me basa tumi kuntunu kɔbere agyan mu.
36 Wode wo nkwagyeɛ kyɛm ma me,
Na w’ahobrɛaseɛ ma meyɛ kɛseɛ.+
37 Wotrɛ m’anammɔn kwan mu;
Me nan renwatiri.+
38 Mɛti m’atamfo akɔsɛe wɔn;
Merensan kɔsi sɛ mɛtɔre wɔn ase.
39 Mɛtɔre wɔn ase abubu wɔn, na wɔrensɔre bio;+
Wɔbɛhwe ase me nan ase.
40 Wobɛma me ahoɔden a mede bɛdi ako;+
Wobɛma m’atamfo ahwe ase me nan ase.+
41 Wobɛma m’atamfo adane wɔn ho adwane;+
Wɔn a wɔkyiri me no, mɛsɛe wɔn.+
42 Wɔsu hwehwɛ mmoa, nanso ɔgyefoɔ biara nni hɔ;
Wɔsu frɛ Yehowa mpo, nanso ɔmmua wɔn.+
43 Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ fam mfuturo;
Mɛtiatia wɔn so awɔ wɔn sɛ abɔnten so atɛkyɛ.
44 Me man a wɔkasa tia me no, wobɛgye me afiri wɔn nsam.+
Wobɛkora me so ama madi amanaman so.+
Ɔman a mennim wɔn no, wɔn na wɔbɛsom me.+
45 Ahɔhoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama me;+
Nsɛm a wɔbɛtete no bɛma wɔayɛ aso ama me.
46 Ahɔhoɔ bɛpa aba;
Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn hintabea apue.
47 Yehowa te ase! Ayeyie nka me Botan no!+
Me nkwagyeɛ botan Nyankopɔn no, ma yɛnkamfo no.+
48 Nokorɛ Nyankopɔn no na ɔtua m’atamfo so ka ma me;+
Ɔka aman gu me nan ase;+
49 Ɔgye me firi m’atamfo nsam;
Woma me so,+ na wɔn a wɔto hyɛ me so no annya me;
Wogye me firi wudini nsam.+
50 O Yehowa, ɛno nti, mɛda wo ase wɔ amanaman mu,+
Na mɛto ayeyi nnwom ama wo din:+
51 Nkwagyeɛ nnwuma akɛseɛ na ɔyɛ ma ne hene,+
Ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ deɛ wasra no no,
Dawid ne n’aseni daa.”+