Deuteronomium
2 Me nkyerɛkyerɛ bɛsosɔ sɛ osuo,+
M’asɛm bɛgu sɛ bosuo,+
Ɛbɛyɛ sɛ osuo a ɛretɔ gu serɛ soɔ+
Na ayɛ sɛ osuo a ɛrepete nhahan soɔ.+
N’akwan nyinaa tene.+
Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+
Ɔteneneeni a ɔbu atɛntenenee.+
6 Ɔman nkwaseafoɔ a monnim nyansa,+
Yehowa na moyɛ no saa no?+
Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya a ɔbɔɔ mo?+
Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ mo na ɔmaa mo ase timiiɛ?+
Mommu kɔmpɔ nhwɛ mo akyi, awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ;
Bisa w’agya, na ɔbɛkyerɛ wo;+
Wo mpanimfoɔ, na wɔbɛka akyerɛ wo.+
8 Berɛ a Ɔsorosoroni no maa aman no agyapadeɛ,+
Na ɔpaepaee Adam mma mu no,+
Ɔtwaa ɔman biara hyeɛ maa no+
Sɛdeɛ Israelfoɔ dodoɔ teɛ.+
11 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ woso ne buo,
Na ɔtu fa ne mma so,+
Trɛ ne ntaban mu fa wɔn,
Na ɔde wɔn gu ne ntakra soɔ no,+
12 Yehowa nko ara na ɔdii n’anim,+
Na ananafoɔ nyame biara nka ne ho.+
13 Ɔmaa no faa asase so nkokoɔ so,+
Na ɔdii asase no so nnɔbaeɛ.+
Ɔmaa no fee ɛwoɔ firii ɔbotan mu,+
Na ɔnyaa ngo firii abohemmaa mu.+
14 Ɔmaa no anantwie sradeɛ ne nnwan nufosuo+
Ne adwennini sradeɛ,
Ne Basan nnwan a wɔadɔre, ne mpapo+
Ne ayuo asaabo mu sradeɛ;+
Na wonom bobe mu mogya sɛ nsã.+
15 Yesurun+ yɛɛ kɛse no, ɔtotoo ne nan.+
O Yesurun, woayɛ kɛse, wo mu ayɛ du, woabɔ mã.+
Enti ɔpoo Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no,+
Na ɔbuu ne nkwagyeɛ Botan+ no animtia.
17 Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa adaemone, ɛnyɛ Onyankopɔn,+
Anyame a wɔnni wɔn,+
Anyame a wɔbaeɛ nkyɛree koraa,+
Anyame a mo agyanom nnim wɔn ho hwee.
18 Nanso Ɔbotan a ɔwoo woɔ no deɛ, wo werɛ afiri no,+
Na Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no, wonni ne ho nkaeɛ biara.+
20 Enti ɔkaa sɛ, ‘Ma menyi m’ani nhunta wɔn,+
Ma menhwɛ sɛdeɛ ɛbɛwie wɔn.
Na wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ nkontompofoɔ,+
Mma a nokorɛ biara nni wɔn mu.+
21 Wɔn deɛ, wɔde anyamehunu ahuru me bo;+
Na wɔde abosonhuhuo ahyɛ me abufuo;+
Me nso, mede ɔman hunu bɛhuru wɔn bo;+
Na mede ɔman agyimfoɔ bɛyi wɔn ahi.+
24 Ɛkɔm+ bɛkusa wɔn na atiridiinini+
Ne ɔsɛeɛ yaya amene wɔn.+
Mede mmoa se bɛtoa wɔn+
Ne mfuturo mu awɔ ano borɔ.+
25 Nkrantɛ bɛkunkum wɔn abɔnten+
Na ehu aku wɔn mpia mu,+
Mmeranteɛ ne mmabaa,+
Nkɔkoaa ne wɔn a wɔafu dwono nyinaa.+
27 Nanso mesuro sɛ ɔtamfo no bɛhuru me bo,+
Na wɔn a wɔkyiri wɔn no bɛkyea asɛm no,+
Na wɔbɛka sɛ: “Yɛakyerɛ yɛn tumi,+
Yehowa nsa nnim.”+
30 Ɔbaakofoɔ bɛyɛ dɛn atoa apem,
Na ɛbɛyɛ dɛn na mmienu ama mpem du adwane?+
Gye sɛ wɔn Botan no atɔn wɔn,+
Na Yehowa ayi wɔn ama.
35 Aweredie wɔ me, na me na mɛtua ka.+
Berɛ duru a, wɔn nan bɛkeka abom,+
Ɛfiri sɛ wɔn amanehunu abɛn,+
Na deɛ ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+
36 Yehowa bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn+
Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no ya,+
Ɛfiri sɛ ɔbɛhunu nnipa a wɔn ahoɔden asa,
Nnipa hunu a wɔnni ɔboafoɔ biara.
37 Na ɔbɛka sɛ, ‘Wɔn anyame no wɔ he,+
Ɔbotan a wɔde wɔn ho tweree no no wɔ he,+
38 Wɔn a wɔdii wɔn afɔrebɔ sradeɛ no,+
Na wɔnom wɔn afɔrebɔ nsã no?+
Ma wɔnsɔre mmoa mo.+
Ma wɔmfa mo nsie.+
39 Afei monhunu sɛ mene Onyankopɔn+
Na anyame biara nka me ho.+
Me na mekum, na me na megye nkwa.+
Na obiara rentumi nhwim biribi mfiri me nsam.+
41 Sɛ mese me nkrantɛ ano hyɛnn,+
Na me nsa sɔ atemmuo mu a,+
Mɛtua m’atamfo ka+
Na matwe wɔn a wɔtan me no aso.+
Na me nkrantɛ bɛdi nam,+
Wɔn a wɔakunkum wɔn ne nnommum mogya,
Wɔn a wɔdi ɔtamfo no anim no ti.’+
43 Amanaman, mo ne ne man ani nnye,+
Ɔbɛtua n’atamfo ka,+
Ɔbɛbisa ne nkoa mogya afiri wɔn nsam,+
Na ɔbɛpata ama ne nkurɔfoɔ asase.”
44 Afei Mose ne Nun ba Hosea+ bɛkaa nnwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ ɔman no.+ 45 Berɛ a Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israel wieeɛ no, 46 ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma nsɛm a mede rebɔ mo kɔkɔ nnɛ yi nyinaa nna mo akoma so,+ na moaka akyerɛ mo mma na wɔadi mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+ 47 Asɛm yi nyɛ nsɛnhunu,+ na mmom ɛne mo nkwa,+ na asɛm yi na ɛbɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akɔfa no soɔ.”+
48 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose saa da no ara sɛ: 49 “Foro kɔ Abarim bepɔ yi so,+ Bepɔ Nebo+ a ɛwɔ Moab asase soɔ no so, bea a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede bɛma Israelfoɔ no.+ 50 Na wobɛwu bepɔ a worekɔ soɔ no so, na wɔbɛsie wo aka wo nkurɔfoɔ ho,+ sɛdeɛ wo nua Aaron wuu Bepɔ Hor soɔ+ na wɔsiee no kaa ne nkurɔfoɔ ho no, 51 ɛfiri sɛ mofom me+ Israelfoɔ mu wɔ Meriba nsuo+ a ɛwɔ Kades no ho wɔ Sina serɛ so, ɛfiri sɛ moanyɛ me kronkron Israelfoɔ no mu.+ 52 Na w’ani na wode bɛhunu asase a mede rema Israelfoɔ no wɔ akyirikyiri, na wo nan deɛ, ɛrensi hɔ.”+