5 Enti sɛ mowɛn mo aso tie+ m’asɛm na modi m’apam+ so a, ɛnneɛ mɛte mo afiri aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapadeɛ titire,+ ɛfiri sɛ asase nyinaa yɛ me dea.+
6 Wo deɛ, woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wo afiri asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapadeɛ titire.+
19 Na ɔbɛma wo so asene aman a wabɔ nyinaa,+ na ɛde ayeyie abrɛ no, na ama ne din so, na ahyɛ no animuonyam. Na wobɛyɛ ɔman kronkron ama Yehowa wo Nyankopɔn+ sɛdeɛ wahyɛ bɔ no.”