5 Enti sɛ mowɛn mo aso tie+ m’asɛm na modi m’apam+ so a, ɛnneɛ mɛte mo afiri aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapadeɛ titire,+ ɛfiri sɛ asase nyinaa yɛ me dea.+
23 Na ɔman baako bɛn na ɛwɔ asase so a ɛte sɛ wo man Israel+ a Onyankopɔn gyee wɔn faa sɛ ɔman?+ Ɔman bɛn na wonam wɔn so ayɛ anwanwadwuma+ akɛseɛ de anya din?+ Ɛnyɛ wo man a wogyee+ wɔn firii Egypt, a wɔn nti wopamoo amanaman no ne wɔn anyame no?