Exodus
19 Berɛ a Israelfoɔ no firii Egypt asase soɔ no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa+ so pɛpɛɛpɛ na wɔkɔduruu Sinai+ serɛ soɔ. 2 Wɔtu firii Refidim+ kɔɔ Sinai serɛ so, na wɔsoɛɛ ɛserɛ no so;+ Israelfoɔ soɛɛ bepɔ+ no anim.
3 Na Mose foro kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no nkyɛn, na Yehowa firi bepɔ no so frɛɛ no+ kaa sɛ: “Ka kyerɛ Yakob fie, na ma Israelfoɔ no aso nte sɛ, 4 ‘Mo ara moahunu deɛ mede yɛɛ Egyptfoɔ+ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsoa mo ɔkɔdeɛ ntaban so de mo aba me nkyɛn.+ 5 Enti sɛ mowɛn mo aso tie+ m’asɛm na modi m’apam+ so a, ɛnneɛ mɛte mo afiri aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapadeɛ titire,+ ɛfiri sɛ asase nyinaa yɛ me dea.+ 6 Na mobɛyɛ asɔfoɔ ahemman ne ɔman kronkron ama me.’+ Yei na ka kyerɛ Israelfoɔ no.”
7 Afei Mose ba bɛfrɛɛ ɔman no mu mpanimfoɔ+ no de asɛm a Yehowa kaeɛ no nyinaa too wɔn anim.+ 8 Ɛnna ɔman no nyinaa de nokorɔ buaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa, yɛbɛyɛ.”+ Ntɛm ara na Mose san kɔɔ Yehowa hɔ de ɔman no nsɛm kɔbɔɔ no.+ 9 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, mɛba wo nkyɛn mununkum tumm+ mu na sɛ me ne wo rekasa a ɔman no ate,+ na wɔagye wo nso adi daa.”+ Afei Mose de nsɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ too Yehowa anim.
10 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ nkurɔfoɔ no nkyɛn na ma wɔn ho nte nnɛ ne ɔkyena, na wɔnsi wɔn ntadeɛ.+ 11 Afei wɔnsiesie wɔn ho mma da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɛfiri sɛ da a ɛtɔ so mmiɛnsa no Yehowa bɛsiane aba Bepɔ Sinai so+ ɔman no nyinaa anim. 12 Twa hyeɛ ma nkurɔfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Monhwɛ yie na moamforo amma bepɔ no so, na mommfa mo nsa nso nnka. Deɛ ɔde ne nsa bɛka bepɔ no, wɔbɛku no.+ 13 Na obiara mmfa ne nsa nnka onii no, mmom wɔbɛsi no aboɔ anaa wɔbɛto adeɛ awɔ no. Aboa oo, onipa oo, ɔrentena ase.’+ Sɛ wɔte sɛ abɛn+ ahyɛne a wɔmmra bepɔ no ho.”
14 Na Mose firii bepɔ no so kɔɔ nkurɔfoɔ no nkyɛn, na ɔfirii aseɛ tee ɔman no ho, na wɔsii wɔn ntadeɛ.+ 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monsiesie mo ho+ mma da a ɛtɔ so mmiɛnsa no. Ɔbarima biara nhwɛ na wankɔ ɔbaa ho.”+
16 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam paepaeeɛ,+ na mununkum kusuu+ bɛkataa bepɔ no so, na abɛn bi gyegyee dendeenden,+ na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoeɛ.+ 17 Afei Mose de ɔman no firii nsraban no mu bɛgyinaa bepɔ+ no ase sɛ wɔrebɛhyia nokorɛ Nyankopɔn no. 18 Na wisie bɛkataa Bepɔ Sinai nyinaa so+ sɛ fononoo mu wisie,+ ɛfiri sɛ Yehowa nam egya+ mu siane baa so, na bepɔ mũ no nyinaa wosoo dendeenden.+ 19 Berɛ a abɛn no ano yɛɛ den no, Mose kasaeɛ, na nokorɛ Nyankopɔn no de nne kɛseɛ gyee so.+
20 Enti Yehowa siane baa Bepɔ Sinai so wɔ bepɔ no atifi. Afei Yehowa frɛɛ Mose sɛ ɔmmra bepɔ no so, na Mose foro kɔeɛ.+ 21 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔbɔ nkurɔfoɔ no kɔkɔ na wɔammɛn Yehowa ammɛhwɛ na wɔn mu pii anwuwu.+ 22 Na asɔfoɔ a wɔba Yehowa anim daa no nso mma wɔn ho nte+ na Yehowa abufuo annɛre wɔn so.”+ 23 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ɔman no rentumi mma Bepɔ Sinai so, ɛfiri sɛ woabɔ yɛn kɔkɔ dada, na wokaa sɛ, ‘Twa hyeɛ fa bepɔ no ho na yɛ no kronkron.’”+ 24 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Si fam kɔ na wo ne Aaron mmra; nanso mma asɔfoɔ no ne ɔman no mmforo mmma Yehowa nkyɛn na n’abufuo annɛre wɔn so.”+ 25 Enti Mose siane kɔɔ ɔman no nkyɛn kɔbɔɔ wɔn amanneɛ.+