20 Na mede wɔn bɛba asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ a mekaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom no so,+ na wɔbɛdidi+ amee ayeyɛ akɛse.+ Afei wɔbɛkɔ akɔdi anyame foforɔ akyi+ akɔsom wɔn, na me deɛ, wɔbɛtiatia m’anim abu m’apam so.+
25 Wɔdii nkuro a ɛyɛ den+ ne asase a adɔ sradeɛ so,+ na wɔnyaa afie a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu mã,+ mmura a wɔatuo,+ bobe nturo ne ngodua+ mfuo ne nnua a ɛso aba pii, na wɔdidi meeɛ+ na wɔyeyɛɛ akɛse+ na wɔnyaa ahotɔ, wo papayɛ+ kɛseɛ mu.