Hesekiel
31 Na afe a ɛtɔ so dubaako, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no da a ɛdi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ka kyerɛ Egypt hene Farao ne ne dɔm+ sɛ,
“‘Hwan na wosɛ no wo kɛseyɛ mu? 3 Hwɛ, wote sɛ Asiriani, Lebanon tweneduro+ a ne duban fɛfɛ+ ne n’ahahan kusuu ma nwunu, dua a ɛkorɔn+ a ne nkɔnmu duru mununkum mu tɔnn.+ 4 Nsuo maa no yɛɛ kɛse;+ subunu maa no nyini kɔɔ soro. Na ɛho nsuwansuwa twaa ne mfuo ho nyinaa hyiaeɛ, na ɛyiyii nsuka kɔɔ wuram nnua nyinaa ho. 5 Ɛno nti na ɛnyinii kokuroo kɔɔ soro senee wuram nnua a aka nyinaa no.+
“‘Na ne nkorabata bɛyɛɛ bebree na ne mman yɛɛ atenten, nsuo pii a ɛwɔ n’akwan mu nti.+ 6 Ne nkorabata no so na wiem nnomaa nyinaa bɛyɛɛ wɔn mpirebuo,+ na ne mman ase na wuram mmoa nyinaa woo wɔn mma,+ na ne nwunu ase na aman akɛseɛ nyinaa tenaeɛ. 7 Ɛbɛyɛɛ dupɔn+ fɛfɛ, na ne mman yɛɛ atenten kusuu, na ɛyiyii nhini faa nsuo bebree so. 8 Tweneduro biara nni Onyankopɔn turom a na ɛte sɛ ɛno.+ Ná popaw dua biara nni hɔ a ɛne ne nkorabata sɛ, na kyɛnkyɛn dua biara nni hɔ a na ɛte sɛ ne mman. Dua biara nni Onyankopɔn turom a na ɛyɛ fɛ te sɛ ɛno.+ 9 Ne mman yɛɛ kusuu, na memaa ne ho yɛɛ fɛ,+ na Eden nnua a ɛwɔ nokorɛ Nyankopɔn turom nyinaa ani beree no.’+
10 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ ɔbɛyɛɛ tenten* kokuroo maa ne nkɔnmu duruu mununkum mu+ na ne tenten maa n’akoma maa ne ho soɔ nti,+ 11 mede no bɛhyɛ amanaman tumfoɔ no nsa.+ Na ɔne no bɛdi no nwononwono. N’amumuyɔ nti mɛpamo no.+ 12 Na ahɔhoɔ, atirimuɔdenfoɔ a wɔhyɛ aman soɔ, bɛtwa ato fam, na nnipa bɛgya no mmepɔ so; ne nkorabata bɛpempan agu subɔn nyinaa mu na ne mman abubu agu asase so nsubɔnten nyinaa mu.+ Asase so aman nyinaa bɛfiri ne nwunu ase agya no hɔ.+ 13 Ewiem nnomaa nyinaa bɛba abɛsisi ne dutan a ɛda fam no so, na wuram mmoa nyinaa bɛba ne mman so.+ 14 Afei nsuo ho dua biara renyɛ tenten kokuroo bio, na ne nkɔnmu rennuru mununkum mu bio, na deɛ ɛnom nsuo biara remma ne ho so ntia wɔn bio, ɛfiri sɛ wɔde wɔn nyinaa bɛma owuo+ na wɔakɔ asase ase tɔnn,+ wɔ adasamma mu, wɔn a wɔrekɔ amena mu no nkyɛn.’
15 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Da a ɛbɛkɔ Adamena* mu no, mɛma awerɛhoɔ aba.+ Na ne nti mɛkata subunu no so, na mɛtwe ne nsuwansuwa no asan na masi nsuo bebree ano. Ne nti mɛma Lebanon adane sum kabii na wuram nnua nyinaa aboto. 16 Sɛ mede no ka wɔn a wɔrekɔ amena mu ho kɔ Adamena mu tɔnn+ na aman te n’asehweɛ no a, mɛma wɔawoso, na Eden nnua nyinaa,+ Lebanon nnepa a ɛyɛ fɛ nyinaa, deɛ ɛnom nsuo nyinaa bɛkyekyere wɔn werɛ+ wɔ asase ase. 17 Wɔne no kɔ Adamena mu,+ na wɔakɔka wɔn a wɔde nkrantɛ akunkum wɔn no ho, ne n’asefoɔ a wɔte ne nwunu ase wɔ amanaman mu+ no ho.’
18 “‘Eden dua+ bɛn na wosɛ no wɔ animuonyam+ ne kɛseyɛ mu? Nanso wɔde wo bɛka Eden nnua ho akɔ asase ase tɔnn.+ Na wo ne momonotofoɔ bɛda faako, wɔn a wɔde nkrantɛ akunkum wɔn nkyɛn. Farao ne ne dɔm nyinaa nie,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”