Hesekiel
31 Afe a ɛtɔ so 11, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no da a ɛdi kan no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ka kyerɛ Egypt hene Farao ne ne dɔm+ sɛ,
‘Hwan na wosɛ no wɔ wo kɛseyɛ mu?
3 Wote sɛ Asiriani, na wote sɛ sida dua a ɛwɔ Lebanon;
Ne nkorabata yɛ fɛ na ɛyiyi ahaban kusuu a ɛma nwunu; ɛyɛ dua a ɛkorɔn.
Ne nkɔnmu kɔduru mununkum mu.
4 Nsuo maa no yɛɛ kɛse, subunu maa no nyini kɔɔ soro.
Na nsutene twaa baabi a ɛsi nyinaa ho hyiae.
Ne nsuka kɔɔ asaase no so nnua nyinaa ho.
5 Ɛno nti na ɛnyinii kokuroo kɔɔ soro senee asaase no so nnua a aka nyinaa no.
Nsuo pii a ɛwɔ n’asutene mu nti,
Ne mman bɛyɛɛ bebree na ne nkorabata yɛɛ atenten.
6 Ewiem nnomaa nyinaa bɛyɛɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman so,
Wuram mmoa nyinaa bɛwoo wɔn mma wɔ ne nkorabata ase,
Aman akɛseɛ nyinaa tenaa ne nwunu ase.
7 Ne nhini kɔɔ fam maa no nyaa nsuo bebree,
Enti ɛbɛyɛɛ dupɔn a ɛyɛ fɛ maa ne nkorabata yɛɛ atenten.
8 Sida dua biara nni Onyankopɔn turom+ a na ɛte sɛ ɛno.
Papao dua biara nni hɔ a na ne mman te sɛ ɛno,
Na kyɛnkyɛn dua biara nni hɔ a na ɛwɔ nkorabata te sɛ ɛno.
Dua biara nni Onyankopɔn turom a na ɛyɛ fɛ te sɛ ɛno.
9 Memaa ne nhaban yɛɛ kusuu maa ne ho yɛɛ fɛ,
Na Eden nnua a ɛwɔ nokorɛ Nyankopɔn no turom nyinaa ani beree no.’
10 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ ɔbɛyɛɛ* tenten kokuroo maa ne nkɔnmu duruu mununkum mu na ne tenten maa n’akoma maa ne ho so nti, 11 mede no bɛhyɛ otumfoɔ a ɔdi amanaman so no nsa.+ Na ɔne no bɛdi no nwonwoonwono. Ne bɔne nti mɛpo no. 12 Na ahɔhoɔ, atirimuɔdenfoɔ a wɔhyɛ aman so bɛtwa ato fam, na wɔbɛgya no mmepɔ so. Ne nhaban bɛtete agu subɔn nyinaa mu, na ne mman bɛbubu agu asaase so nsubɔnten nyinaa mu.+ Asaase so nnipa nyinaa bɛfiri ne nwunu ase na wɔagya no hɔ. 13 Ewiem nnomaa nyinaa bɛba abɛsisi ne dua a ɛda fam no so, na wuram mmoa nyinaa bɛba ne nkorabata so.+ 14 Wei baa saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsuo ho dua biara renyɛ tenten kokuroo bio anaa ne nkɔnmu rennuru mununkum mu bio, na dua biara a ɛnya nsuo pii rentwe ne mu tenteenten nkɔduru hɔ bio. Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bɛwuwu te sɛ adasamma a wɔkɔ asaase ase tɔnn anaa amena* mu.’
15 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Da a ɛbɛkɔ Adamena* mu no, mɛma awerɛhoɔ aba. Enti mɛkata subunu no so, na mɛtwe ne nsuwansuwa no asan na nsuo bebree no ansene. Ne nti mɛma Lebanon adane sum kabii na wuram nnua nyinaa akusa. 16 Sɛ mede no ka wɔn a wɔrekɔ amena mu no nyinaa ho kɔ Adamena* mu tɔnn, na aman te sɛ wahwe ase a, mɛma wɔn ho awoso. Na Eden nnua nyinaa,+ Lebanon nnua papa a ɛyɛ fɛ nyinaa, nnua a ɛnya nsuo nyinaa bɛkyekye wɔn werɛ wɔ asaase ase tɔnn. 17 Wɔne no* kɔ Adamena* mu kɔka wɔn a wɔde sekan kunkum wɔn no ho,+ wɔne wɔn a na wɔtaa n’akyi* a wɔtenaa ne nwunu ase wɔ amanaman mu no.’+
18 “‘Eden dua bɛn na ɛte sɛ wo wɔ animuonyam ne kɛseyɛ mu?+ Nanso wɔde wo bɛka Eden nnua ho akɔ asaase ase tɔnn. Na wo ne momonotofoɔ* bɛda faako; wo ne wɔn a wɔde sekan akunkum wɔn no. Wei na ɛbɛto Farao ne ne dɔm nyinaa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”