Numeri 31:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Afei monkyɛ asadeɛ no mu mmienu mma wɔn a wɔkɔɔ ko no ne asafo no mufoɔ a wɔaka.+ 1 Samuel 30:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Hwan na ɔne mo bɛyɛ adwene asɛm yi ho? Sɛdeɛ wɔn a wɔkɔɔ ɔsa no bie kyɛfa teɛ no, saa na wɔn a wɔtenaa nneɛma ho+ no nso kyɛfa bɛyɛ. Obiara bɛnya bi.”+ Dwom 68:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Asafodɔm so ahemfo deɛ, dwane na wɔdwane.+Nanso ɔbaa a ɔte fie mpo, ɔnya asadeɛ no bi.+
24 Hwan na ɔne mo bɛyɛ adwene asɛm yi ho? Sɛdeɛ wɔn a wɔkɔɔ ɔsa no bie kyɛfa teɛ no, saa na wɔn a wɔtenaa nneɛma ho+ no nso kyɛfa bɛyɛ. Obiara bɛnya bi.”+