Numeri
31 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Deɛ Midianfoɔ+ yɛɛ Israelfoɔ no, tua wɔn so ka.+ Na ɛno akyi no wobɛwu ama wɔasie wo akɔka wo nkurɔfoɔ ho.”+
3 Enti Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monyi mmarima bi mma wɔnsiesie wɔn ho ne Midianfoɔ nkɔko na wɔmfa Yehowa atemmuo mmra Midian so.+ 4 Monyi nnipa apem mfiri Israel abusuakuo biara mu mma wɔnkɔko.” 5 Enti Israel mpempem+ mu no, wɔyii abusuakuo biara mu nnipa apem, na wɔnyaa nnipa mpem dumienu a wɔasiesie wɔn ama akodie.+
6 Na Mose de abusuakuo biara mu nnipa apem kaa ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas+ ho kɔɔ ko no, na na ɔkura anwenneɛ kronkron ne ntotorobɛnto+ a wɔbɛhyɛne. 7 Afei wɔne Midianfoɔ kɔkoo sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no, na wɔkunkum mmarima no nyinaa.+ 8 Wɔkum Midian ahemfo kaa wɔn a wɔwuwuiɛ no ho. Yeinom yɛ Midian ahemfo nnum+ a wɔn din ne Ewi, Rekem, Sur, Hur, ne Reba, na wɔde nkrantɛ kum Beor ba Balaam+ nso. 9 Na Israelfoɔ no faa Midianfoɔ mmaa ne wɔn mma nkumaa nyinaa nnommum;+ wɔfaa wɔn nnwan ne wɔn nyɛmmoa a aka ne wɔn ho nneɛma nyinaa. 10 Wɔn nkuro a wɔtete mu ne wɔn nsraban nyinaa wɔde gya hyeeɛ.+ 11 Na wɔfaa nnipa ne mmoa a wɔwɔ hɔ nyinaa sɛ asadeɛ.+ 12 Wɔde wɔn a wɔkyee wɔn ne nneɛma ne asadeɛ a wɔfaeɛ nyinaa baa Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne Israel asafo no nyinaa anim wɔ Moab serɛ so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko.
13 Afei Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne asafo no mu mpanimfoɔ nyinaa firii adi kɔhyiaa wɔn wɔ nsraban no akyi. 14 Na Mose bo fuu asraafoɔ+ mpanimfoɔ a wɔdeda apem apem ne ɔha ha ano a wɔfiri akono baeɛ no. 15 Mose bisaa wɔn sɛ: “Moakora mmaa no nyinaa nkwa so anaa?+ 16 Hwɛ, wɔn na Balaam maa wɔdaadaa Israel mmarima maa wɔyɛɛ bɔne+ Yehowa ani soɔ a ɛde ɔhaw baa Yehowa asafo+ soɔ wɔ Peor+ no. 17 Afei monkunkum mmarimaa no nyinaa, na ɔbaa biara a wada ɔbarima nkyɛn ama no afa no nso monku no.+ 18 Na abaayewa biara a ɔnhunuu barima da+ deɛ, monnyaa no. 19 Mo deɛ, montena nsraban no akyi nnanson. Na obiara a wakum ɔkra+ anaa wasɔ owufoɔ mu+ no nte ne ho+ da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, mo ne wɔn a moafa wɔn nnommum no nyinaa. 20 Na atadeɛ ne adeɛ biara a wɔde aboa nwoma anaa abirekyie nwi anaa dua ayɛ nso, monte ho.”+
21 Afei ɔsɔfoɔ Eleasar ka kyerɛɛ asraafoɔ a wɔkɔɔ ko no sɛ: “Mmara a Yehowa de maa Mose nie, 22 ‘Sika, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, sanyaa, ne sumpii, 23 ne adeɛ biara a ɛbɛtumi afa gya mu+ no, momfa mfa gya mu mma ɛho nte. Nanso ɛsɛ sɛ mode ahodwira nsuo no nso te ho.+ Na adeɛ biara a ɛntumi mfa gya mu no, momfa mfa nsuo no mu.+ 24 Na da a ɛtɔ so nson no monsi mo ntadeɛ na mo ho nte ansa na moaba nsraban no mu.’”+
25 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26 “Wo ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne agyanom fie mpanimfoɔ no mmu deɛ wɔde firi ɛko no mu baeɛ nyinaa ano, nnipa ne mmoa nyinaa. 27 Afei monkyɛ asadeɛ no mu mmienu mma wɔn a wɔkɔɔ ko no ne asafo no mufoɔ a wɔaka.+ 28 Na gye mmarima a wɔkɔɔ ko no hɔ toɔ+ ma Yehowa. Nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan ahanum biara, gye mu ɔkra baako. 29 Wɔn kyɛfa a wɔnyaeɛ no bi na gye ma ɔsɔfoɔ Eleasar sɛ ntoboa ma Yehowa.+ 30 Na ɛfã a ɛkɔɔ Israelfoɔ a wɔaka no hɔ no, gye nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan aduonum biara mu baako ma Lewifoɔ+ a wɔyɛ Yehowa ntomadan no ho adwuma+ no.”
31 Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar yɛɛ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ. 32 Asadeɛ a ɛdɔm no faeɛ no nkaeɛ nyinaa ano si nnwan mpem ahansia aduɔson nnum, 33 ne anantwie mpem aduɔson mmienu, 34 ne mfunumu mpem aduosia baako. 35 Na nnipa akra,+ kyerɛ sɛ mmaa a wɔnhunuu ɔbarima da+ no, dodoɔ si mpem aduasa mmienu. 36 Berɛ a wɔkyɛɛ nnwan no mu no, ɛdɔm a wɔkɔɔ ko no nyaa mpem ahasa aduasa nson ne ahanum. 37 Toɔ+ a wɔtua maa Yehowa no ano si nnwan ahansia aduɔson nnum. 38 Anantwie a wɔnyaeɛ ano si mpem aduasa nsia, na wɔyii mu aduɔson mmienu sɛ toɔ maa Yehowa. 39 Mfunumu a wɔnyaeɛ ano si mpem aduasa ne ahanum, na wɔyii mu aduosia baako sɛ toɔ maa Yehowa. 40 Nnipa a wɔnyaeɛ ano si mpem dunsia, na wɔyii wɔn mu akra aduasa mmienu sɛ toɔ maa Yehowa. 41 Na Mose de toɔ a wɔyii sɛ Yehowa ntoboa no maa ɔsɔfoɔ Eleasar,+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.+
42 Berɛ a Mose kyɛɛ asadeɛ no mu de asraafoɔ no kyɛfa maa wɔn no, ɛfã a ɛkɔɔ Israelfoɔ no hɔ nie: 43 Nnwan a Israelfoɔ a wɔaka no nyaeɛ yɛ mpem ahasa aduasa nson ne ahanum, 44 anantwie mpem aduasa nsia, 45 mfunumu mpem aduasa ne ahanum, 46 ne nnipa akra mpem dunsia. 47 Na nnipa ne mmoa a Israelfoɔ nyaa no sɛ wɔn kyɛfa no, Mose gyee aduonum biara mu baako maa Lewifoɔ+ a wɔyɛ Yehowa ntomadan no ho adwuma+ no, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.
48 Na mpanimfoɔ a wɔdeda asraafoɔdɔm ano,+ apem apem ne ɔha ha so ahwɛfoɔ+ no, kɔɔ Mose nkyɛn, 49 na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nkoa akan asraafoɔ a wɔhyɛ yɛn nsa no, na wɔn mu baako mpo nyeraeɛ.+ 50 Enti ma yɛn mu biara mfa deɛ wanya mmra sɛ Yehowa ayɛyɛdeɛ,+ biribiara a wɔde sika ayɛ, nanpɔso nkawa, nsa so nkapo, pɛtea,+ asomuadeɛ, ne mmaa agudeɛ+ biara. Na wɔmfa yeinom mpata mma yɛn kra wɔ Yehowa anim.”
51 Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar gyee+ sika ne agudeɛ a wɔde baeɛ no nyinaa. 52 Na sika a apem apem ne ɔha ha so ahwɛfoɔ no de maa Yehowa sɛ ntoboa no nyinaa ano si nnwetɛbena mpem dunsia, ahanson aduonum. 53 Ná asraafoɔ no biara afa afomdeɛ no bi.+ 54 Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar gyee sika a apem apem ne ɔha ha so ahwɛfoɔ no de baeɛ no, na wɔde baa ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ nkaeɛ adeɛ+ ma Israelfoɔ no wɔ Yehowa anim.