8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Tie, mede afɔrebɔdeɛ a wɔde ama me no ahyɛ wo nsa.+ Akronkronneɛ a Israelfoɔ de ama me nyinaa mede ama wo ne wo mma. Ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+
19 Ntoboa kronkron a Israelfoɔ de bɛbrɛ+ Yehowa nyinaa mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa sɛ mo kyɛfa daa.+ Ɛyɛ nkyene apam ma wo ne w’asefoɔ wɔ Yehowa anim daa.”+