28 “‘Nanso sɛ obi yi n’agyapadeɛ bi si hɔ sɛ ɔde ama Yehowa korakora*+ a, ɛyɛ onipa oo, aboa oo, n’asase oo, obiara rentumi ntɔn, na ɔrentumi nnye bio nso.+ Ɛyɛ akronkronneɛ mu adekronkron ma Yehowa.
11 Deɛ ɛbɛyɛ mo dea nie: Wɔn akyɛdeɛ no mu bi a wɔbɛyi asi hɔ+ ne nneɛma a Israelfoɔ de bɛbɔ ohim afɔdeɛ+ nyinaa. Mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa+ sɛ mo kyɛfa daa. Obiara a ne ho teɛ wɔ wo fie bɛtumi adi bi.+
26 “Ka kyerɛ Lewifoɔ no sɛ, ‘Israelfoɔ no de wɔn nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapadeɛ.+ Na mo nso monkyɛ deɛ mo nsa bɛka no mu du na momfa baako mma Yehowa.+