Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Genesis 14:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Na nhyira nka Ɔsorosoroni Nyankopɔn+

      A ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa no!”+

      Na Abram kyɛɛ biribiara mu du maa no baako.+

  • Genesis 28:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Na ɛboɔ a mede ayɛ nkaeɛdum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie,+ na biribiara a wode bɛma me no nso mɛkyɛ mu du ama wo baako.”+

  • Numeri 18:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 “Lewifoɔ no deɛ, mede Israel biribiara mu nkyɛmu du mu baako+ ama wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ na ama wɔakɔ so ayɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma daa.

  • Numeri 18:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 “Ka kyerɛ Lewifoɔ no sɛ, ‘Israelfoɔ no de wɔn nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapadeɛ.+ Na mo nso monkyɛ deɛ mo nsa bɛka no mu du na momfa baako mma Yehowa.+

  • Deuteronomium 12:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyeɛ afɔdeɛ+ ne mmoa a mobɛku wɔn abɔ afɔdeɛ foforɔ ne mo nneɛma nkyɛmu du mu baako,+ ne mo ntoboa+ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ,+ ne afɔdeɛ a mofiri mo pɛ mu bɔ,+ ne mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan+ nyinaa nkorɔ.

  • Deuteronomium 14:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 “Afe biara kyɛ w’afuo mu nnɔbaeɛ nyinaa mu du na fa baako bra.+

  • 2 Berɛsosɛm 31:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Berɛ a Israelfoɔ no tee asɛm no ara pɛ,+ wɔde ayuo mu adikan,+ ne nsã foforɔ,+ ne ngo+ ne ɛwoɔ+ ne afuo mu nnɔbaeɛ+ nyinaa ne adeɛ biara so ntotosoɔ du du bebree baeɛ.+

  • Nehemia 13:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Na Yuda nyinaa de nnɔbaeɛ+ ne nsã foforɔ+ ne ngo+ so ntotosoɔ du du+ baa adekora adan+ no mu.

  • Malaki 3:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Momfa ntotosoɔ du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduane ampa me fie.+ Na momfa yei nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mpomma+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma no mmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm nie.

  • Luka 11:42
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 42 Na mo Farisifoɔ deɛ, monnue, ɛfiri sɛ moyi ɛme ne nunum ne ɛfan foforɔ biara so ntotosoɔ du du,+ nanso mosian atɛntenenee ne Nyankopɔn dɔ ho! Saa nneɛma yi na ɛsɛ sɛ anka moyɛ, na deɛ aka no nso ɛnsɛ sɛ moyi firi mu.+

  • Hebrifoɔ 7:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Nokorɛm no, mmarima a wɔfiri Lewi mma+ mu a wɔnya asɔfodwuma no wɔ ahyɛdeɛ bi sɛ wɔgye ntotosoɔ du du+ firi ɔman no hɔ+ sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, kyerɛ sɛ, wɔgye firi wɔn nuanom nkyɛn, ɛwom mpo sɛ wɔfiri Abraham asene mu+ deɛ;

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane