38 Na ma ɔsɔfoɔ, Aaron ba no, nka Lewifoɔ no ho berɛ a Lewifoɔ no regye ntotosoɔ du du no; na Lewifoɔ no nso mfa ntotosoɔ du du no so ntotosoɔ du du mmra yɛn Nyankopɔn fie+ na wɔmfa ngu adidibea+ hɔ adekoradan no mu.
10 Momfa ntotosoɔ du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduane ampa me fie.+ Na momfa yei nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mpomma+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma no mmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm nie.