Nehemia
Ɛnna Sedekia, 2 Seraia,+ Asaria, Yeremia, 3 Pasur, Amaria, Malkiya, 4 Hatus, Sebania, Maluk, 5 Harim,+ Meremot, Obadia, 6 Daniel,+ Gineton, Baruk, 7 Mesulam, Abia, Miyamin, 8 Maasia, Bilgai ne Semaia, wɔn ne asɔfoɔ no.
9 Lewifoɔ nso nie: Asania ba Yesua,+ Binui a ɔfiri Henadad+ mma mu, Kadmiel 10 ne wɔn nuanom Sebania,+ Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, 11 Mika, Rehob, Hasabia, 12 Sakur, Serebia,+ Sebania, 13 Hodia, Bani ne Beninu.
14 Ɔman no mu atitire: Paros, Pahat-Moab,+ Elam, Satu, Bani, 15 Buni, Asgad, Bebai, 16 Adoniya, Bigwai, Adin, 17 Ater, Hesekia, Asor, 18 Hodia, Hasum, Bisai, 19 Harif, Anatot, Nebai, 20 Magpias, Mesulam, Hesir, 21 Mesesabel, Sadok, Yadua, 22 Pelatia, Hanan, Anaia, 23 Hosea, Hanania, Hasub, 24 Halohes, Pilha, Sobek, 25 Rehum, Hasabna, Maaseia, 26 ne Ahiya, Hanan, Anan, 27 Maluk, Harim, Baanah.
28 Na ɔman no nkaeɛ no, asɔfoɔ,+ Lewifoɔ,+ apono ano ahwɛfoɔ,+ nnwontofoɔ,+ Netinimfoɔ+ ne obiara a ɔtee ne ho firii asase+ no sofoɔ ho bɛdii nokorɛ Nyankopɔn mmara+ no soɔ, wɔn yerenom, wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa, obiara a ɔwɔ nimdeɛ na ɔtumi te asɛm aseɛ no,+ 29 wɔn nyinaa tiee wɔn nuanom,+ wɔn atitire no,+ na wɔdii nse+ kaa ntam+ sɛ wɔbɛnante nokorɛ Nyankopɔn mmara a ɔnam nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose nsa so de maeɛ no mu,+ na wɔbɛdi so+ na wɔahwɛ ayɛ sɛdeɛ yɛn Awurade Yehowa mmara nsɛm+ nyinaa ne n’atemmusɛm ne n’ahyɛdeɛ teɛ;+ 30 na yɛremfa yɛn mma mmaa mma asase no sofoɔ, na wɔn mma mmaa nso, yɛrennye wɔn mma yɛn mma mmarima.+
31 Na asase no sofoɔ+ a wɔde nneɛma ne nnuane ahodoɔ nyinaa bi ba bɛtontɔn no homeda no, yɛrentɔ wɔn hɔ hwee homeda+ anaa da kronkron bi,+ na afe a ɛtɔ so nson no,+ yɛbɛgya asase no ato hɔ na yɛrennan ka biara.+
32 Afei nso yɛhyɛɛ mmara maa yɛn ho sɛ afe biara yɛn mu biara de dwetɛbena nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛba abɛboa yɛn Nyankopɔn fie som adwuma,+ 33 na wɔde adi nneɛma yi ho dwuma: paanoo a wɔde kyerɛ+ ne daa aduane afɔdeɛ+ ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no home nna+ ne abosome foforɔ mu,+ ne afahyɛ ahodoɔ+ ne akronkronneɛ+ ne bɔne afɔdeɛ+ a wɔbɔ de pata ma Israel ne yɛn Nyankopɔn fie adwuma nyinaa.+
34 Afei yɛbɔɔ ntonto+ sɛdeɛ yɛn agyanom abusuafie teɛ de hunuu asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔmanfoɔ a wɔde nnyina+ bɛba yɛn Nyankopɔn fie afe afe berɛ a wɔahyɛ mu, na wɔasɔ no Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia+ so sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no;+ 35 na yɛhyɛɛ nso sɛ yɛde yɛn nsase+ so nnɔbaeɛ a ɛdi kan ne nnua+ ahodoɔ nyinaa aba a ɛdi kan bɛba Yehowa fie afe afe; 36 yɛn mmakan+ ne yɛn afieboa+ mmakan ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan nso,+ yɛde bɛba sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara+ no mu no, na yɛde bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔresom wɔ yɛn Nyankopɔn fie no.+ 37 Afei yɛde yɛn ayusiam+ mu deɛ ɛdi kan ne yɛn ayɛyɛdeɛ+ ne nnua+ ahodoɔ nyinaa so aba, nsã foforɔ+ ne ngo+ nso bɛbrɛ asɔfoɔ no wɔ yɛn Nyankopɔn fie adidibea+ hɔ, na yɛde yɛn nsase so nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du bɛbrɛ Lewifoɔ+ no, ɛfiri sɛ Lewifoɔ no na wɔgye nkuro a yɛyɛ kuadwuma wom nyinaa so ntotosoɔ du du.
38 Na ma ɔsɔfoɔ, Aaron ba no, nka Lewifoɔ no ho berɛ a Lewifoɔ no regye ntotosoɔ du du no; na Lewifoɔ no nso mfa ntotosoɔ du du no so ntotosoɔ du du mmra yɛn Nyankopɔn fie+ na wɔmfa ngu adidibea+ hɔ adekoradan no mu. 39 Na adidibea hɔ na Israel mma ne Lewi mma mfa aduane afɔdeɛ+ ne nsã foforɔ+ ne ngo no mmra, na ɛhɔ na kronkronbea hɔ anwenneɛ ne asɔfoɔ a wɔsom+ ne apono ano ahwɛfoɔ+ ne nnwontofoɔ+ no wɔ; enti ɛnsɛ sɛ yɛbu yɛn ani gu yɛn Nyankopɔn fie so.+