11 “‘Na bosome no da a ɛdi kan no, momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne nnwammaa anini nson a wɔadi afe afe a wɔte apɔ mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Yehowa,+
6 Monyɛ yei nka ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne ɛho aduane afɔdeɛ+ a wɔbɔ no bosome biara, ne ɔhyeɛ afɔdeɛ+ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ+ ne nsã afɔdeɛ+ no ho, sɛdeɛ wɔyɛ no daa no, na ɛnyɛ egya afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa.+
13 wɔbɔɔ no sɛdeɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no daa+ no, afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ no homeda homeda,+ ne bosome foforɔ+ biara, ne afahyɛ+ a wɔdi no mprɛnsa afe biara+ no ase, kyerɛ sɛ, paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ+ ne adapɛn afahyɛ+ ne asese afahyɛ+ no.