Numeri
29 “‘Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monyɛ nhyiamu kronkron.+ Monnyɛ adwumaden biara.+ Ɛbɛyɛ totorobɛntohyɛn da.+ 2 Mommɔ afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa. Momfa nantwinini kumaa baako, odwennini baako, ne nnwammaa anini nson a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔ+ mmɔ afɔdeɛ no. 3 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afete mmɔ aduane afɔdeɛ. Monkyɛ mu du mfa mmiɛnsa nka nantwinini no ho, na momfa nkyɛmu du mu mmienu nka odwennini no ho,+ 4 na momfa nkyɛmu du mu baako nka nnwammaa nson no mu biara ho.+ 5 Afei momfa ɔpapo kumaa baako mmra na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ mpata mma mo.+ 6 Monyɛ yei nka ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne ɛho aduane afɔdeɛ+ a wɔbɔ no bosome biara, ne ɔhyeɛ afɔdeɛ+ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ+ ne nsã afɔdeɛ+ no ho, sɛdeɛ wɔyɛ no daa no, na ɛnyɛ egya afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa.+
7 “‘Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no monyɛ nhyiamu kronkron,+ na mo kra nni awerɛhoɔ.+ Monnyɛ adwuma biara.+ 8 Afei momfa nantwinini kumaa baako, odwennini baako, ne nnwammaa anini nson a wɔn mu biara adi afe+ mmɔ afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa. Monhwɛ sɛ wɔte apɔ.+ 9 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afete mmɔ aduane afɔdeɛ nka ho. Momfa nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, na momfa nkyɛmu du mu mmienu nka odwennini no ho,+ 10 na momfa nkyɛmu du mu baako nka nnwammaa nson no mu biara ho.+ 11 Afei momfa abirekyie ba baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ. Monyɛ yei nka bɔne ho mpata afɔdeɛ+ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ+ no ho.
12 “‘Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum+ no monyɛ nhyiamu kronkron.+ Monnyɛ adwumaden biara,+ na monhyɛ fã nnanson mma Yehowa.+ 13 Momfa anantwinini nkumaa dumiɛnsa, adwennini mmienu, ne nnwammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ egya afɔdeɛ hwamhwam, mma Yehowa. Monhwɛ sɛ wɔte apɔ.+ 14 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔdeɛ nka ho. Nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka anantwinini dumiɛnsa no mu biara ho, na momfa nkyɛmu du mu mmienu nka adwennini no mu biara ho,+ 15 na momfa nkyɛmu du mu baako nka nnwammaa dunan no mu biara ho.+ 16 Afei momfa abirekyie ba baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ nka ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ daa ne ɛho aduane afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ no ho.+
17 “‘Na da a ɛtɔ so mmienu no momfa anantwinini nkumaa dumienu, adwennini mmienu, ne nnwammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔ+ mmɔ afɔdeɛ. 18 Na mommɔ aduane afɔdeɛ+ ne nsã afɔdeɛ+ nka anantwinini ne adwennini ne nnwammaa no ho, sɛdeɛ wɔyɛ no daa+ no. 19 Afei momfa abirekyie ba mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ+ nka ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ no ho.+
20 “‘Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, momfa anantwinini dubaako, adwennini mmienu, ne nnwammaa dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔ+ mmra. 21 Na mommɔ aduane afɔdeɛ+ ne nsã afɔdeɛ+ nka anantwinini ne adwennini ne nnwammaa no ho sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ, na monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no. 22 Afei momfa abirekyie baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ+ nka ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ no ho.
23 “‘Da a ɛtɔ so nnan no momfa anantwinini du, adwennini mmienu, ne nnwammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔ+ mmra. 24 Na mommɔ aduane afɔdeɛ+ ne nsã afɔdeɛ+ nka anantwinini ne adwennini ne nnwammaa no ho sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ, na monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no.+ 25 Momfa abirekyie ba baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ+ nka ɔhyeɛ afɔdeɛ+ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ+ no ho.
26 “‘Da a ɛtɔ so nnum no momfa anantwinini nkron, adwennini mmienu, ne nnwammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔ+ mmra. 27 Na mommɔ aduane afɔdeɛ+ ne nsã afɔdeɛ+ nka anantwinini ne adwennini ne nnwammaa no ho sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ, na monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no.+ 28 Afei momfa abirekyie baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ+ nka ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ+ no ho.
29 “‘Da a ɛtɔ so nsia no momfa anantwinini nwɔtwe, adwennini mmienu, ne nnwammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔ+ mmra. 30 Na mommɔ aduane afɔdeɛ+ ne nsã afɔdeɛ+ nka anantwinini ne adwennini ne nnwammaa no ho sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ, na monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no.+ 31 Afei momfa abirekyie baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ+ nka ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ+ no ho.
32 “‘Da a ɛtɔ so nson no momfa anantwinini nson, adwennini mmienu, ne nnwammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔ+ mmra. 33 Na mommɔ aduane afɔdeɛ+ ne nsã afɔdeɛ+ nka anantwinini ne adwennini ne nnwammaa no ho sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ, na monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no.+ 34 Afei momfa abirekyie baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ+ nka ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ+ no ho.
35 “‘Da a ɛtɔ so nwɔtwe no monyɛ nhyiamu titire.+ Monnyɛ adwumaden biara.+ 36 Momfa nantwinini baako, odwennini baako, ne nnwammaa anini nson a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔ+ mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, egya afɔdeɛ hwamhwam, mma Yehowa. 37 Mommɔ aduane afɔdeɛ+ ne nsã afɔdeɛ+ nka nantwinini ne odwennini ne nnwammaa no ho sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ, na monyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no. + 38 Afei momfa abirekyie baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ+ nka ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ+ no ho.
39 “‘Mommɔ afɔdeɛ yi nyinaa mma Yehowa wɔ mo afahyɛ ahodoɔ+ ase nka afɔdeɛ a mobɔ no daa yi ho: bɔhyɛ afɔdeɛ+ ne afɔdeɛ a mofiri mo pɛ mu bɔ+ no sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ ne mo aduane afɔdeɛ,+ ne mo nsã afɔdeɛ,+ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ.’”+ 40 Mose kaa deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no.+