Numeri
30 Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ+ a wɔdeda mmusua ano no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie: 2 Sɛ ɔbarima bi hyɛ Yehowa bɔ+ anaa ɔka ntam+ sɛ ɔbɛtua ne kra biribi+ a, ɛnsɛ sɛ ɔbu soɔ.+ Ɔnhwɛ nni deɛ waka no nyinaa so.+
3 “Na sɛ ɔbaa bi hyɛ Yehowa bɔ+ anaa ɔka ntam sɛ ɔbɛtua ne kra biribi ne mmabaaberɛ mu wɔ ne papa fie, 4 na sɛ ne papa te ne bɔhyɛ no anaa ntam a waka de atua ne kra biribi no na wanka ho hwee a, ne bɔhyɛ no bɛgyina na biribiara a watua ne kra+ no nso bɛgyina. 5 Nanso sɛ ne papa te ne bɔhyɛ no anaa ntam a waka de atua ne ho biribi no na da no wampene so a, ɛrennyina, na Yehowa de bɛfiri no, ɛfiri sɛ ne papa ampene so.+
6 “Na sɛ ɔwɔ kunu na wahyɛ bɔ+ bi anaa ɔde n’ano aka ntanhunu de akyekyere ne kra 7 na sɛ ne kunu te na da a ɔteeɛ no wanka ho hwee a, ne bɔhyɛ no bɛgyina na ntam a waka de atua ne kra biribi no nso bɛgyina.+ 8 Nanso sɛ da a ne kunu teeɛ no wampene so+ a, ɛnneɛ watwa ne bɔhyɛ ne ntanhunu a waka de akyekyere ne kra no mu, na Yehowa de bɛfiri no.+
9 “Na ɔbaa kunafoɔ anaa deɛ ne kunu agyaa no deɛ, ntam biara a ɔde akyekyere ne kra no bɛgyina.
10 “Na sɛ ne kunu fie na ɔhyɛɛ bɔ anaa ɔkaa ntam de tuaa ne kra biribi+ 11 na ne kunu teeɛ nanso wanka ho hwee a, ɛkyerɛ sɛ ɔnsi no kwan. Enti ɛbɔ biara a ɔhyɛeɛ anaa ntam biara a ɔka de tuaa ne kra biribi no bɛgyina. 12 Nanso sɛ da a ne kunu teeɛ no ɔtwaa bɔ biara a ɔde n’ano ahyɛ anaa ɔde atua ne kra biribi no mu a, ɛnneɛ ɛrennyina.+ Ne kunu atwa mu nti Yehowa de bɛfiri no.+ 13 Bɔhyɛ anaa ahotua ntam biara a ɔde bɛkame ne kra+ biribi no, ne kunu na ɔbɛma no agyina anaa ɔbɛtwa mu. 14 Nanso sɛ adekyeeɛ ne adesaeɛ nyinaa ne kunu anka ho hwee a, ɛnneɛ na wama ne bɔhyɛ no nyinaa anaa biribiara a watua ne kra no agyina.+ Ɛsiane sɛ da a ɔtee bɔhyɛ no wanka ho hwee nti, wama no agyina. 15 Na sɛ ɔbarima no te, na berɛ bi akyi ɔtwa mu a, ɛnneɛ ɔbɛsoa ɔbaa no bɔne.+
16 “Yei ne ahyɛdeɛ a Yehowa de maa Mose sɛ ɛnna ɔbarima ne ne yere ntam,+ ne agya ne ne babaa ntam berɛ a ɔwɔ ne mmabaaberɛ mu wɔ ne papa fie no.”+