2 Berɛsosɛm
8 Berɛ a Solomon de mfeɛ aduonu+ sii Yehowa fie+ ne ɔno ara ne fie+ wieeɛ no, 2 Solomon san kyekyeree nkuro a Hiram+ de maa no no, na Solomon maa Israelfoɔ kɔtenatenaa hɔ. 3 Afei Solomon kɔɔ Hamat-Soba kɔgye dii so. 4 Ɛnna ɔsan kyekyeree Tadmor wɔ serɛ so ne adekora+ nkuro a ɔkyekyeree no Hamat+ no nyinaa bio. 5 Na ɔkyekyeree Atifi Bet-Horon+ ne Anafoɔ Bet-Horon,+ nkuro a wɔabɔ ho ban a ɛwɔ afasuo+ ne apono ne mmeamu,+ 6 ne Baalat+ ne adekora nkuro a abɛdi Solomon nsam, ne nteaseɛnam nkuro+ nyinaa ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro,+ ne biribiara a Solomon ani gyee ho+ a ɔpɛɛ sɛ ɔyɛ no Yerusalem ne Lebanon+ ne nsase a ɔdi soɔ no nyinaa soɔ.
7 Nkurɔfoɔ a wɔkaeɛ a wɔfiri Hitifoɔ,+ Amorifoɔ,+ Perisifoɔ + Hiwifoɔ+ ne Yebusifoɔ+ mu a wɔnka Israelfoɔ ho+ nyinaa, 8 wɔn mma a wɔkaa asase no soɔ a Israelfoɔ ansɛe wɔn+ no, Solomon hyɛɛ+ mmarima no maa wɔyɛɛ adwuma de bɛsi nnɛ.+ 9 Na Israelfoɔ deɛ, Solomon amfa obiara anyɛ akoa a ɔbɛyɛ adwuma ama no;+ mmom na wɔyɛ akofoɔ+ ne n’akunini so mpanimfoɔ ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam+ ne n’apɔnkɔsotefoɔ+ soɔ. 10 Akunini so mpanimfoɔ+ a na Ɔhene Solomon wɔ no yɛ ahanu aduonum; wɔn na wɔhwɛɛ adwumayɛfoɔ no soɔ.+
11 Farao babaa+ no deɛ, Solomon yii no firii Dawid Kuro+ mu de no kɔɔ efie a wasi ama no no mu,+ na ɔkaa sɛ: “Ɔyɛ me yere deɛ, nanso ɔrentumi ntena Israel hene Dawid fie, ɛfiri sɛ baabi a Yehowa adaka aba no yɛ kronkron.”+
12 Saa berɛ no, Solomon bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ maa Yehowa wɔ Yehowa afɔrebukyia+ a ɔsii no abantenten+ no anim no so, 13 wɔbɔɔ no sɛdeɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no daa+ no, afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ no homeda homeda,+ ne bosome foforɔ+ biara, ne afahyɛ+ a wɔdi no mprɛnsa afe biara+ no ase, kyerɛ sɛ, paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ+ ne adapɛn afahyɛ+ ne asese afahyɛ+ no. 14 Afei nso, sɛdeɛ ne papa Dawid hyehyɛ too hɔ+ no, ɔde asɔfoɔ no sisii wɔn nnwuma so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu+ teɛ. Lewifoɔ+ no nso, ɔde wɔn sisii wɔn nnwuma so sɛ wɔnyi Onyankopɔn ayɛ+ na wɔnsom+ wɔ asɔfoɔ no anim sɛdeɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no daa+ no. Apono ano ahwɛfoɔ no nso wɛn apono ano+ sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ. Yei na nokorɛ Nyankopɔn nipa Dawid hyɛɛ sɛ wɔnyɛ. 15 Ahyɛdeɛ a ɔhene de maa asɔfoɔ ne Lewifoɔ wɔ adeɛ biara anaa nneɛma a wɔmfa nyɛ adwuma ho no, wɔannane amfiri ho.+ 16 Solomon nnwuma no, ɛfiri da a wɔtoo Yehowa fie no fapem kɔsi da a wɔwieeɛ+ no, wɔtumi yɛɛ ne nyinaa.+ Enti wɔwiee Yehowa fie no.+
17 Ɛno akyi na Solomon kɔɔ Esion-Geber+ ne Elot+ a ɛwɔ mpoano wɔ Edom asase soɔ.+ 18 Ná Hiram+ taa ma ne nkoa de po so ahyɛn ne nkoa a wɔnim po so adwumayɛ+ brɛ no, na wɔne Solomon nkoa kɔɔ Ofir,+ na wɔnyaa sika+ dwetikɛseɛ+ ahanan aduonum de brɛɛ Ɔhene Solomon.+