6Berɛ a Israelfoɔ firi Egypt asase so baeɛ+ no afe a ɛtɔ so ahanan aduɔwɔtwe a ɛyɛ Solomon afe a ɛtɔ so nnan+ berɛ a ɔbɛyɛɛ Israel hene no, ɔfirii aseɛ sɛ ɔresi fie ama Yehowa+ wɔ bosome Siw,+ bosome a ɛtɔ so mmienu+ no mu.
7 Ɛdan no ara deɛ, berɛ a wɔresie no, wɔde aboɔ a wɔapae+ ayɛ ho biribiara awie na ɛsiiɛ; berɛ a wɔresi dan no, wɔante asaeɛ anaa akuma anaa nnadeɛ biara nka wɔ fie hɔ.+