12 Mommoaboa ɔman no nyinaa ano,+ mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔwɔ mo kurom nyinaa, na wɔntie na wɔnsua+ na wɔnsuro Yehowa mo Nyankopɔn,+ na wɔnni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.
2 Ɛnna ɔsɔfoɔ+ Esra de mmara no baa badwa+ no anim, baabi a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔtumi tie+ asɛm te aseɛ ahyia no, bosome a ɛtɔ so nson+ no da a ɛdi kan.