Nehemia
11 Ɔman no mu mmapɔmma+ no tenatenaa Yerusalem;+ na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔbɔɔ ntonto+ de yii edu biara mu baako sɛ ɔnkɔtena Yerusalem, kuro kronkron+ no mu, na nkron a aka no deɛ, wɔtenatenaa nkuro a aka no mu. 2 Afei nso, ɔman no hyiraa+ mmarima a wɔyii wɔn yam+ kɔtenaa Yerusalem no.
3 Yeinom ne mantam+ no mu atitire a wɔtenatenaa Yerusalem;+ na Yuda nkuro mu deɛ, Israelfoɔ,+ asɔfoɔ+ ne Lewifoɔ+ ne Netinimfoɔ+ ne Solomon nkoa no mma,+ obiara tenaa ɔno ara agyapadeɛ so wɔ ne kurom.+
4 Na Yuda mma ne Benyamin mma+ no bi nso kɔtenatenaa Yerusalem. Yuda mma mu no, Ataia, Usia ba, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel a ɔfiri Peres+ mma mu no ba, 5 Maaseia ba, Baruk ba, Kolhosen ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria a ɔfiri Sela abusua mu ba. 6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ mmarima ahoɔdenfoɔ ahanan aduosia nwɔtwe.
7 Yeinom ne Benyamin+ mma: Salu, Mesulam+ ba, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesia ba; 8 n’akyi no, Gabai ne Salai, wɔn dodoɔ si ahankron aduonu nwɔtwe; 9 ne Sikri ba Yoel, a ɔyɛ wɔn so hwɛfoɔ, ne Hasenua ba Yuda, a ɔyɛ kuro so hwɛfoɔ abadiakyire.
10 Asɔfoɔ no mu: Yedaia, Yoiarib+ ba, Yakin,+ 11 Seraia a ɔyɛ Hilkia ba, Mesulam+ ba, Sadok+ ba, Meraiot ba, Ahitab+ ba; ná ɔyɛ ɔpanin wɔ nokorɛ Nyankopɔn fie hɔ; 12 ne wɔn nuanom, efie+ no mu adwumayɛfoɔ, wɔn dodoɔ si ahanwɔtwe aduonu mmienu; ne Adaia, Yeroham+ ba, Pelalia ba, Amsi ba, Sakaria ba, Pasur+ ba, Malkiya+ ba, 13 ɔne ne nuanom, agyanom mmusua mu atitire,+ wɔn dodoɔ si ahanu aduanan mmienu, ne Amassai, Asarel ba, Ahsai ba, Mesilemot ba, Imer ba, 14 ne wɔn nuanom, mmarima akantinka,+ wɔn dodoɔ si ɔha aduonu nwɔtwe, na wɔn so hwɛfoɔ+ ne Sabdiel a ɔfiri akatakyie mma mu no.
15 Lewifoɔ+ mu: Semaia a ɔyɛ Hasub ba, Asrikam ba, Hasabia+ ba, Buni ba, 16 ne Sabetai+ ne Yosabad+ a wɔyɛ Lewifoɔ mu atitire no, nokorɛ Nyankopɔn fie nnwuma a wɔyɛ no abɔnten so ahwɛfoɔ; 17 ne Matania,+ Mika ba, Sabdi ba, Asaf+ ba, deɛ ɔdi nnwontofoɔ anim+ na ɔfiri aseda+ dwom ase wɔ mpaebɔ mu no, ne Bakbukia, ɔpanin a ɔtɔ so mmienu wɔ ne nuanom mu, ne Abda, Sammua ba, Galal+ ba, Yedutan+ ba. 18 Lewifoɔ a na wɔtete kuro kronkron+ no mu nyinaa dodoɔ si ahanu aduɔwɔtwe nnan.
19 Apono ano ahwɛfoɔ+ no ne Akub ne Talmon+ ne wɔn nuanom a na wɔwɛn apono ano+ no, wɔn dodoɔ si ɔha aduɔson mmienu.
20 Israelfoɔ nkaeɛ no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no deɛ, na wɔtete nkuro a aka no mu, obiara wɔ n’agyapadeɛ so.+ 21 Na Netinimfoɔ+ no nso, na wɔtete Ofel;+ Siha ne Gispa na na wɔdeda Netinimfoɔ no ano.
22 Deɛ na ɔda Lewifoɔ ano+ wɔ Yerusalem ma wɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn fie adwuma no ne Usi, Bani ba, Hasabia ba, Matania+ ba, Mika+ a ɔfiri Asaf+ mma nnwontofoɔ+ mu no ba. 23 Na ɔhene no hyɛɛ wɔn ho mmara,+ na wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ maa nnwontofoɔ no sɛ wɔmma wɔn deɛ wɔbɛhia da biara da.+ 24 Ná Mesesabel a ɔfiri Yuda ba Sera mma mu no ba Petahia yɛ ɔhene boafoɔ wɔ ɔman no ho nsɛm nyinaa mu.
25 Na nkuraa+ a ɛwowɔ wɔn mfuo mu deɛ, Yuda mma no bi tenatenaa Kiriat-Arba+ ne ɛho nkuro mu, ne Dibon ne ɛho nkuro mu, ne Yekabseel+ ne ne nkuraa, 26 ne Yesua ne Molada+ ne Bet-Pelet+ 27 ne Hasar-Sual+ ne Beer-Seba+ ne ɛho nkuro mu 28 ne Siklag+ ne Mekona ne ɛho nkuro mu 29 ne En-Rimon+ ne Sora+ ne Yamut,+ 30 ne Sanoa,+ Adulam+ ne ne nkuraa, ne Lakis+ ne ne mfuo mu, ne Aseka+ ne ɛho nkuro mu. Na wɔtenatenaa Beer-Seba kɔsii Hinom Bɔn mu.+
31 Ná Benyamin mma no firi Geba,+ Mikmas,+ Aiya+ ne Betel+ ne ɛho nkuro mu, 32 Anatot,+ Nob,+ Anania, 33 Hasor, Rama,+ Gitaim,+ 34 Hadid, Seboim, Nebalat, 35 Lod+ ne Ono,+ adwumfoɔ bɔn no mu. 36 Lewifoɔ mu no, nkyekyɛmu bi a wɔfiri Yuda mu kɔkaa Benyamin ho.