Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 27:30
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 “‘Na asase so nnɔbaeɛ ne dua so aba nyinaa nkyɛmu du mu baako+ yɛ Yehowa dea. Ɛyɛ akronkronneɛ ma Yehowa.

  • 2 Berɛsosɛm 31:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Berɛ a Israelfoɔ no tee asɛm no ara pɛ,+ wɔde ayuo mu adikan,+ ne nsã foforɔ,+ ne ngo+ ne ɛwoɔ+ ne afuo mu nnɔbaeɛ+ nyinaa ne adeɛ biara so ntotosoɔ du du bebree baeɛ.+

  • Nehemia 10:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 Afei yɛde yɛn ayusiam+ mu deɛ ɛdi kan ne yɛn ayɛyɛdeɛ+ ne nnua+ ahodoɔ nyinaa so aba, nsã foforɔ+ ne ngo+ nso bɛbrɛ asɔfoɔ no wɔ yɛn Nyankopɔn fie adidibea+ hɔ, na yɛde yɛn nsase so nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du bɛbrɛ Lewifoɔ+ no, ɛfiri sɛ Lewifoɔ no na wɔgye nkuro a yɛyɛ kuadwuma wom nyinaa so ntotosoɔ du du.

  • Nehemia 12:44
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 44 Na ɛda no ara wɔde mmarima sisii adekoradan+ ne afɔrebɔdeɛ+ ne nnɔbaeɛ a ɛdi kan+ ne ntotosoɔ du du+ so, sɛ wɔnnyegye asɔfoɔ ne Lewifoɔ no kyɛfa+ a mmara no kyerɛ+ no mfiri nkuro no mfuo mu nkɔgu hɔ; asɔfoɔ ne Lewifoɔ+ a na wɔresom no nti, Yuda dii ahurisie.

  • Nehemia 13:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Na Yuda nyinaa de nnɔbaeɛ+ ne nsã foforɔ+ ne ngo+ so ntotosoɔ du du+ baa adekora adan+ no mu.

  • Galatifoɔ 6:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Bio nso ma obiara a wɔkyerɛkyerɛ no+ asɛm no ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nnya kyɛfa+ wɔ nnepa nyinaa mu.+

  • Hebrifoɔ 7:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Nokorɛm no, mmarima a wɔfiri Lewi mma+ mu a wɔnya asɔfodwuma no wɔ ahyɛdeɛ bi sɛ wɔgye ntotosoɔ du du+ firi ɔman no hɔ+ sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, kyerɛ sɛ, wɔgye firi wɔn nuanom nkyɛn, ɛwom mpo sɛ wɔfiri Abraham asene mu+ deɛ;

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane