Nehemia
13 Saa da no, wɔkenkanee+ Mose nwoma+ no ɔman no asom; na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ no mu sɛ ɛnsɛ sɛ Ammonfoɔ+ ne Moabfoɔ+ ba nokorɛ Nyankopɔn asafo mu da biara da,+ 2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane+ ne nsuo+ ammɛhyia Israel mma, mmom no, wɔkɔbɔɔ Balaam+ paa sɛ ɔnnome wɔn.+ Nanso yɛn Nyankopɔn maa nnome no danee nhyira.+ 3 Enti berɛ a wɔtee mmara no ara pɛ,+ wɔfirii aseɛ yiyii+ firamanfiramanfoɔ no nyinaa firii Israelfoɔ no mu.
4 Ansa na wɔreyɛ yei no, na Eliasib,+ ɔsɔfoɔ a ɔhwɛ yɛn Nyankopɔn fie adidibea+ soɔ a ne busuani ne Tobia+ no, 5 asiesie adidibea kɛseɛ+ bi ama no; ɛhɔ na kane no na wɔde aduane afɔdeɛ+ ne ɛhyɛ ne anwenneɛ guo; ɛhɔ nso na na aduane ne nsã+ foforɔ ne ngo+ so ntotosoɔ du du a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ+ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no ne asɔfoɔ no kyɛfa wɔ.
6 Saa berɛ no nyinaa na menni Yerusalem; Babilon hene Artasasta+ afe a ɛtɔ so aduasa mmienu+ mu na mekɔɔ ɔhene nkyɛn, na akyire yi mesrɛɛ kwan de firii ɔhene nkyɛn kakra.+ 7 Ɛnna mebaa Yerusalem bɛhunuu adebɔne a Eliasib+ ayɛ ama Tobia,+ sɛ wasiesie asa bi ama no wɔ nokorɛ Nyankopɔn fie+ no adihɔ. 8 Ɛyɛɛ m’ani so bɔne yie,+ enti meyiyii Tobia dan mu nneɛma nyinaa firii adidibea hɔ to guu+ abɔnten. 9 Mewieeɛ no, meka maa wɔdwiraa+ adidibea hɔ;+ na mesan de nokorɛ Nyankopɔn fie anwenneɛ+ ne aduane afɔdeɛ ne ɛhyɛ+ no guu hɔ bio.
10 Mebɛhunuu sɛ na wɔmfa Lewifoɔ no kyɛfa+ mma wɔn ma enti Lewifoɔ ne nnwontofoɔ a wɔreyɛ adwuma no adwanedwane kɔ; obiara kɔ n’asase so.+ 11 Ɛnna m’ani beree+ asoafoɔ+ no soɔ, na mebisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moabu mo ani agu nokorɛ Nyankopɔn fie soɔ?”+ Na meboaboaa wɔn ano de wɔn sisii wɔn gyinabea. 12 Na Yuda nyinaa de nnɔbaeɛ+ ne nsã foforɔ+ ne ngo+ so ntotosoɔ du du+ baa adekora adan+ no mu. 13 Afei mede adekora adan no hyɛɛ ɔsɔfoɔ Selemia ne ɔtwerɛfoɔ* Sadok ne Pedaia a ɔfiri Lewifoɔ mu no nsa, ɛfiri sɛ wɔbuu wɔn anokwafoɔ;+ na Matania+ ba Sakur ba Hanan na na ɔhyɛ wɔn aseɛ; wɔn na na wɔkyekyɛ+ wɔn nuanom kyɛfa ma wɔn.
14 O me Nyankopɔn, kae me+ yei ho, na mma wo werɛ mmfiri+ adɔeɛ a mayɛ no me Nyankopɔn fie+ yi ho ne hwɛ a mahwɛ soɔ no.
15 Nna no mu no, mehunuu nkurɔfoɔ wɔ Yuda sɛ wɔtiatia nsã-kyi-amena so homeda+ na wɔde ayuo a wɔakyekyerɛ soasoa+ mfunumu;+ ɛne nsã ne bobe ne borɔdɔma+ ne nnesoa ahodoɔ nyinaa bi, na wɔde ba Yerusalem homeda;+ na mebɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ da a wɔde tɔn nneɛma no ho. 16 Ná Tirofoɔ+ bi wɔ kuro no mu a wɔde mpataa ne adwadeɛ ahodoɔ nyinaa bi ba bɛtontɔn+ no homeda ma Yudafoɔ wɔ Yerusalem. 17 Enti m’ani beree Yuda mmapɔmma+ no so, na mebisaa wɔn sɛ: “Adebɔne bɛn na moreyɛ de agu homeda no ho fĩ yi? 18 Ɛnyɛ saa kwan yi ara na mo agyanom faa soɔ+ a yɛn Nyankopɔn de mmusuo+ yi nyinaa baa yɛne kuro yi soɔ? Nanso hwɛ, moda so ara regu homeda no ho fĩ+ ama abufuhyeɛ no adɔɔso Israel so.”
19 Na ɛbaa sɛ berɛ a esum reyɛ aduru Yerusalem kuro apono no ama homeda aduro no, ntɛm ara na mehyɛ maa wɔtotoo apono no mu.+ Meka kaa ho sɛ wɔmmmuebue, gye sɛ homeda no atwam; na mede m’asomfoɔ no bi gyinagyinaa apono no ano na wɔamfa adesoa biara amma mu homeda.+ 20 Ɛno nti adwadifoɔ ne adetɔnfoɔ a wɔtɔn adwadeɛ ahodoɔ nyinaa bi no dedaa Yerusalem apono no akyi prɛko ne ne mprenu so. 21 Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ+ sɛ: “Adɛn nti na modeda fasuo no akyi? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛyɛ mo adeɛ.”+ Ɛfiri saa berɛ no, wɔamma homeda bio.
22 Ɛnna meka kyerɛɛ Lewifoɔ+ no sɛ wɔnnwira+ wɔn ho daa na wɔmmra mmɛwɛn apono+ no na wɔnte+ homeda no ho. Yei mu nso, O me Nyankopɔn, kae+ me, na hu me mmɔbɔ sɛdeɛ w’adɔeɛ+ bebrebe no teɛ.
23 Afei nso mehunuu saa berɛ no sɛ Yudafoɔ no bi awareware+ Asdodfoɔ+ ne Ammonfoɔ ne Moabfoɔ+ mmaa. 24 Wɔn mma no nso, na wɔn mu fã ka Asdodfoɔ kasa, na wɔn mu biara ntumi nka Yudafoɔ kasa;+ mmom aman foforɔ so kasa na na wɔka. 25 Ɛnna m’ani beree wɔn soɔ, na medomee wɔn+ bobɔɔ mmarima no binom;+ metutuu wɔn nwi na memaa wɔkaa Onyankopɔn ntam+ na mekaa sɛ: “Mommfa mo mma mmaa mmma wɔn mma mmarima, na wɔn mma mmaa nso monnnye wɔn mmma mo mma mmarima, na mo ara nso monnware wɔn.+ 26 Ɛnyɛ saa nneɛma yi ara na ɛmaa Israel hene Solomon yɛɛ bɔne?+ Ná ɔhene biara nte sɛ ɔno+ amanaman no mu; ne Nyankopɔn dɔɔ no,+ ma enti Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene. Ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne.+ 27 Ɛnyɛ nwanwa sɛ moreyɛ saa bɔne akɛseɛ yi nyinaa de ato yɛn Nyankopɔn mmara, sɛ moawareware ananafoɔ mmaa yi anaa?”+
28 Ná ɔsɔfo panin Eliasib+ ba Yoiada+ mma no baako yɛ Horonni+ Sanbalat+ asebarima. Enti mepamoo no.+
29 O me Nyankopɔn, kae wɔn, sɛ wɔagu asɔfodie ne asɔfodie apam+ ne Lewifoɔ+ no ho fĩ.+
30 Na medwiraa+ wɔn ho firii ananadeɛ biara ho na mede asɔfoɔ ne Lewifoɔ no sisii nnwuma so, obiara ne n’adwuma;+ 31 nnyina+ ne aba a ɛdi kan nso, wɔde baa berɛ a wɔahyɛ mu.