Numeri 23:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nanso wɔn a Onyankopɔn mmɔɔ wɔn dua no, mɛyɛ dɛn abɔ wɔn dua?+Na wɔn a Yehowa mmɔɔ wɔn tiri so mmusuo no, mɛyɛ dɛn abɔ wɔn tiri so mmusuo?+ Numeri 24:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Afei Balak bo fuu Balaam na ɔbɔɔ ne nsam+ ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Mefrɛɛ wo sɛ bɛbɔ m’atamfo dua+ ma me, nanso wode nhyira adware wɔn mprɛnsa. Deuteronomium 23:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nanso Yehowa wo Nyankopɔn antie Balaam,+ na Yehowa wo Nyankopɔn danee nnome no yɛɛ no nhyira maa wo,+ ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn dɔ wo.+ Dwom 109:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Ma wɔnnome me,+Na wo deɛ, hyira me.+Wɔasɔre agyina, nanso ma wɔn ani nwu,+Na ma w’akoa nni ahurisie.+ Mika 6:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Me man, mesrɛ mo, monkae+ deɛ Moab hene Balak bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ,+ ne mmuaeɛ a Beor ba Balaam de maa no,+ deɛ ɛsiiɛ firi Sitim+ kɔsi Gilgal,+ na ama obiara ahunu Yehowa adetenenee.”+
8 Nanso wɔn a Onyankopɔn mmɔɔ wɔn dua no, mɛyɛ dɛn abɔ wɔn dua?+Na wɔn a Yehowa mmɔɔ wɔn tiri so mmusuo no, mɛyɛ dɛn abɔ wɔn tiri so mmusuo?+
10 Afei Balak bo fuu Balaam na ɔbɔɔ ne nsam+ ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Mefrɛɛ wo sɛ bɛbɔ m’atamfo dua+ ma me, nanso wode nhyira adware wɔn mprɛnsa.
5 Nanso Yehowa wo Nyankopɔn antie Balaam,+ na Yehowa wo Nyankopɔn danee nnome no yɛɛ no nhyira maa wo,+ ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn dɔ wo.+
28 Ma wɔnnome me,+Na wo deɛ, hyira me.+Wɔasɔre agyina, nanso ma wɔn ani nwu,+Na ma w’akoa nni ahurisie.+
5 Me man, mesrɛ mo, monkae+ deɛ Moab hene Balak bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ,+ ne mmuaeɛ a Beor ba Balaam de maa no,+ deɛ ɛsiiɛ firi Sitim+ kɔsi Gilgal,+ na ama obiara ahunu Yehowa adetenenee.”+