16 “‘Nanso sɛ bɔhyɛ bi+ nti ɔde aboa bi bɛbɔ afɔdeɛ anaa ɔno ara firi ne pɛ mu bɔ afɔdeɛ+ a, da a ɔde no bɛbɔ afɔdeɛ no wɔnwe, na sɛ ebi ka ma adeɛ kye so a, ɛno nso wɔbɛtumi awe.
18 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa ma wɔnte sɛ, ‘Sɛ bɔhyɛ bi+ nti Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte Israel de aboa bi ba sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ+ anaasɛ ɔno ara firi ne pɛ mu de ba+ sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Yehowa a,