Numeri
31 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Deɛ Midianfoɔ de yɛɛ Israelfoɔ no,+ yɛ bi tua wɔn ka.+ Wowie a, wɔde wo bɛkɔ akɔka wo nkurɔfoɔ ho.”*+
3 Enti Mose ne ɔman no kasae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyi mmarima bi mfiri mo mu, na momma wɔn akodeɛ na wɔne Midianfoɔ nkɔko, na wɔmfa Yehowa asotwe* mmra Midianfoɔ so. 4 Monyi nnipa 1,000 mfiri Israel abusuakuo biara mu mma wɔnkɔka asraafoɔ no ho.” 5 Enti Israel apem apem mu no,+ wɔyii abusuakuo biara mu nnipa 1,000, na wɔnyaa nnipa 12,000 a wɔkurakura akodeɛ rekɔ ɛko.
6 Ɛnna Mose somaa abusuakuo biara mu nnipa 1,000 a ɔyiyii wɔn no maa wɔkɔkaa asraafoɔ no ho. Wɔkɔkaa Eleasar ba Finehas+ ho. Ɔno na na ɔyɛ asraafoɔ no sɔfoɔ, na ɔno na na nneɛma kronkron ne ntotorobɛnto a wɔbɛhyɛn wɔ ɛko mu no+ hyɛ ne nsa. 7 Na wɔne Midianfoɔ kɔkoe, sɛdeɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no, na wɔkum ɔbarima biara. 8 Na wɔkum Midian ahemfo nso kaa wɔn a wɔkunkum wɔn no ho. Midian ahemfo nnum no din ne Ewi, Rekem, Sur, Hur, ne Reba. Na wɔde sekan kum Beor ba Baalam+ nso. 9 Na Israelfoɔ no kyee Midianfoɔ mmaa ne wɔn mma kɔe. Afei nso, wɔfom wɔn afieboa nyinaa, ne wɔn nyɛmmoa nyinaa, ne wɔn ho nneɛma nyinaa. 10 Wɔn nkuro a wɔtete mu ne wɔn asoɛeɛ* nyinaa, wɔde egya hyee. 11 Na nneɛma a wɔnyaa wɔ ɛko no mu, ne nneɛma a wɔfomoeɛ no, wɔde ne nyinaa kɔe, nnipa ne mmoa nyinaa. 12 Na wɔde wɔn a wɔkyee wɔn no ne nneɛma a wɔfomoeɛ ne nneɛma a wɔnyaa wɔ ɛko no mu nyinaa brɛɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne Israel asafo no nyinaa wɔ wɔn asoɛeɛ hɔ wɔ Moab serɛ so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no.
13 Na Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne asafo no mu mpanimfoɔ nyinaa pue kɔhyiaa wɔn wɔ asoɛeɛ no akyi. 14 Nanso Mose bo fuu mmarima a wɔdeda asraafoɔ no ano no dendeenden, kyerɛ sɛ, asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda apem apem ano ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda ɔhaha ano a na wɔfiri ɛko no mu reba no. 15 Mose bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moama mmaa no nyinaa da so te nkwa mu? 16 Hwɛ! Mmaa yi na Baalam maa wɔdaadaa Israelfoɔ maa wɔyɛɛ bɔne+ tiaa Yehowa wɔ Peor asɛm no mu+ maa ɛkɔfaa ɔhaw baa Yehowa asafo so no.+ 17 Enti monkunkum mmarimaa no nyinaa, na ɔbaa biara a ɔne ɔbarima ada pɛn no, monku no. 18 Nanso mmaayewa a wɔne ɔbarima biara nnaa da no deɛ, momma wɔmfa wɔn ho nni.+ 19 Montena asoɛeɛ no akyi nnanson. Mo mu biara a waku obi,* ne mo mu biara a wasɔ obi a wɔaku no mu no,+ ɔnnwira ne ho+ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa ne ɛda a ɛtɔ so nson no, mo ne wɔn a mokyee wɔn baeɛ no nyinaa. 20 Na ataadeɛ biara, ne adeɛ biara a wɔde aboa nwoma ayɛ, anaa deɛ wɔde apɔnkye nwi ayɛ, ne adeɛ biara a wɔde dua ayɛ no, monnwira ho.”*
21 Na ɔsɔfoɔ Eleasar ka kyerɛɛ asraafoɔ a wɔkɔɔ ɛko no sɛ: “Wei ne mmara a Yehowa de maa Mose, 22 ‘Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, sanyaa,* ne sumpii,* 23 ne adeɛ biara a ɛbɛtumi afa egya mu no, ɛno nko ara na momfa mfa egya mu, na ɛho bɛte. Nanso ɛsɛ sɛ mode ahodwira nsuo no nso te ho.+ Adeɛ biara a ɛntumi mfa egya mu no, momfa mfa nsuo no mu. 24 Na da a ɛtɔ so nson no, monsi mo ntaadeɛ na mo ho nte, na ɛno akyi no, mobɛtumi aba asoɛeɛ hɔ.’”+
25 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26 “Kan nneɛma a wɔde firi ɛko mu baeɛ no na monhunu ne dodoɔ. Kan nnipa a wɔkyee wɔn baeɛ ne mmoa a wɔde wɔn baeɛ no nyinaa. Wo ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne agyanom abusuafie mpanimfoɔ a wɔwɔ asafo no mu na ɛnkan wɔn. 27 Monkyɛ nneɛma a wɔde firi ɛko mu baeɛ no mu mmienu, na momfa fã mma asraafoɔ a wɔkɔɔ ɛko no, na momfa deɛ aka no mma asafo no mufoɔ a aka no nyinaa.+ 28 Gye asraafoɔ a wɔkɔɔ ɛko no hɔ toɔ ma Yehowa. Nnipa 500 biara, gye ɔkra* baako; anantwie 500 biara, gye ɔkra baako; mfunumu 500 biara, gye ɔkra baako, na nnwan 500 biara, gye ɔkra baako. 29 Monyi mfiri kyɛfa a wɔnyaeɛ no mu, na fa ma ɔsɔfoɔ Eleasar sɛ ntoboa a wɔde rema Yehowa.+ 30 Israelfoɔ no kyɛfa no nso, nnipa 50 biara, gye baako; anantwie 50 biara, gye baako; mfunumu 50 biara, gye baako; nnwan 50 biara, gye baako; na afieboa a aka biara, gye 50 biara mu baako. Afei fa ma Lewifoɔ+ a wɔyɛ Yehowa som ntomadan no ho adwuma no.”+
31 Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar yɛɛ deɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no. 32 Nneɛma a nnipa a wɔkɔɔ ɛko no faeɛ, kyerɛ sɛ, deɛ wɔfom de baeɛ no, deɛ ɛkaeɛ no yɛ nnwan 675,000, 33 ne anantwie 72,000, 34 ne mfunumu 61,000. 35 Mmaa a wɔne ɔbarima biara nnaa da no+ dodoɔ yɛ mmaa* 32,000. 36 Berɛ a wɔkyɛɛ nneɛma no mu mmienu no, wɔn a wɔkɔɔ ɛko no nyaa nnwan 337,500 sɛ wɔn kyɛfa. 37 Nnwan no mu dodoɔ a wɔde tuaa toɔ maa Yehowa no yɛ 675. 38 Anantwie a wɔnyaeɛ no dodoɔ yɛ 36,000, na wɔyii mu 72 tuaa toɔ maa Yehowa. 39 Mfunumu a wɔnyaeɛ dodoɔ yɛ 30,500, na wɔyii mu 61 tuaa toɔ maa Yehowa. 40 Nnipa* a wɔnyaeɛ dodoɔ yɛ 16,000, na wɔyii nnipa* no mu 32 tuaa toɔ maa Yehowa. 41 Na Mose de toɔ no maa ɔsɔfoɔ Eleasar sɛ ntoboa a wɔde rema Yehowa,+ sɛdeɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no.
42 Berɛ a Mose kyɛɛ nneɛma a wɔnyaa wɔ ɛko no mu mmienu a ɔde asraafoɔ no kyɛfa maa wɔn no, ɛfã a ɛkɔɔ Israelfoɔ no hɔ no, 43 nnwan no fã a wɔnyaeɛ no yɛ 337,500, 44 anantwie no yɛ 36,000, 45 mfunumu no yɛ 30,500, 46 ɛnna nnipa* no yɛ 16,000. 47 Na nneɛma no fã a ɛkɔɔ Israelfoɔ no hɔ no, Mose gyee 50 biara mu baako, nnipa ne mmoa nyinaa. Na ɔde maa Lewifoɔ+ a wɔyɛ Yehowa som ntomadan no ho adwuma no,+ sɛdeɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no.
48 Ɛnna mmarima a wɔdeda asraafoɔ no ano no,+ kyerɛ sɛ, asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda apem apem ano ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda ɔhaha ano no kɔɔ Mose nkyɛn, 49 na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo nkoa akan asraafoɔ a wɔhyɛ yɛn nsa no, na wɔn mu baako mpo nyerae.+ 50 Enti ma yɛn mu biara mfa deɛ wanya mmɛbɔ afɔreɛ mma Yehowa: biribiara a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, kawa a wɔde to nan, nkapo, ahyɛnsodeɛ nkawa, asomuadeɛ, ne agudeɛ foforɔ biara. Ma wɔmfa weinom mpata mma yɛn* bɔne wɔ Yehowa anim.”
51 Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar gyee sika kɔkɔɔ a wɔde baeɛ no; agudeɛ a wɔde baeɛ no nyinaa, wɔgyee. 52 Na sika kɔkɔɔ a asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda apem apem ano ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda ɔhaha ano no de maa Yehowa sɛ ntoboa no nyinaa dodoɔ yɛ nnwetɛbena* 16,750. 53 Ná asraafoɔ no mu biara afa nneɛma a wɔde firi ɛko mu baeɛ no bi. 54 Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar gyee sika kɔkɔɔ a asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔdeda apem apem ano ne wɔn a wɔdeda ɔhaha ano no de baeɛ no, na wɔde baa ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ mma Israelfoɔ no wɔ Yehowa anim.