-
Deuteronomium 32:48-50Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
48 Yehowa ka kyerɛɛ Mose saa da no ara sɛ: 49 “Foro kɔ Abarim mmepɔ yi so+ kɔgyina Nebo Bepɔ+ a ɛwɔ Moab asaase so no so, beaeɛ a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no, na hwɛ Kaanan asaase a mede rema Israelfoɔ no.+ 50 Na wobɛwu wɔ bepɔ a worekɔ so no so, na wɔde wo bɛkɔ akɔka w’agyanom ho,* sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor Bepɔ+ so na wɔde no kɔkaa n’agyanom ho no,
-