17 “Monteetee Midianfoɔ no na monkunkum wɔn,+ 18 ɛfiri sɛ wɔn nso teetee mo berɛ a wɔdaadaa mo maa moyɛɛ bɔne wɔ Peor asɛm no ho no.+ Bio nso, wɔteetee mo berɛ a wɔnam Midian abusuapanin bi babaa Kosbi asɛm no so maa moyɛɛ bɔne no; wɔn nuabaa yi na wɔkum no,+ da a Peor asɛm no kɔfaa ɔhaw baeɛ no.”+