8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nneɛma a nkurɔfoɔ de brɛ me no, me ara mede hyɛ wo nsa.+ Nneɛma kronkron a Israelfoɔ de brɛ me nyinaa, mede bi ama wo ne wo mma, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+
19 Ntoboa kronkron a Israelfoɔ de bɛbrɛ Yehowa nyinaa,+ mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+ Ɛyɛ nkyene apam* a ɛwɔ hɔ daa wɔ Yehowa anim ma wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho no.”