28 Gye asraafoɔ a wɔkɔɔ ɛko no hɔ toɔ ma Yehowa. Nnipa 500 biara, gye ɔkra baako; anantwie 500 biara, gye ɔkra baako; mfunumu 500 biara, gye ɔkra baako, na nnwan 500 biara, gye ɔkra baako. 29 Monyi mfiri kyɛfa a wɔnyaeɛ no mu, na fa ma ɔsɔfoɔ Eleasar sɛ ntoboa a wɔde rema Yehowa.+