Numeri
32 Afei ɛbaa sɛ Ruben asefoɔ+ ne Gad asefoɔ+ bɛnyaa nyɛmmoa bebree pa. Na wɔhunuu sɛ asase a ɛwɔ Yaser+ ne Gilead no bɛyɛ papa ama mmoayɛn. 2 Enti Gad ne Ruben asefoɔ no bɛka kyerɛɛ Mose ne Eleasar ne asafo no mu mpanimfoɔ sɛ: 3 “Yɛahunu sɛ Atarot+ ne Dibon+ ne Yaser ne Nimra+ ne Hesbon+ ne Eleale+ ne Sebam ne Nebo+ ne Beon+ 4 a Yehowa adi so nkonim+ wɔ Israel asafo no anim no yɛ asase pa ma mmoayɛn, na wo nkoa nso wɔ mmoa+ bebree.” 5 Na wɔkaa sɛ: “Sɛ wobɛpene so a, yɛsrɛ wo fa asase yi ma wo nkoa, na mma yɛnntwa Yordan.”+
6 Afei Mose bisaa Gad ne Ruben asefoɔ no sɛ: “Mopɛ sɛ motena ha berɛ a mo nuanom rekɔko?+ 7 Adɛn, mopɛ sɛ motu Israelfoɔ no akoma na wɔantwa ankɔ asase a Yehowa de ama wɔn no so? 8 Saa ara na mo agyanom yɛeɛ+ berɛ a yɛwɔ Kades-Barnea+ a mesomaa wɔn sɛ wɔnkɔhwɛ asase no. 9 Berɛ a wɔkɔduruu Eskol+ subɔn no ho a wɔhunuu asase no, wɔtuu Israelfoɔ no akoma sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔankɔ asase a Yehowa de ama wɔn no soɔ.+ 10 Saa da no, Yehowa bo fuu dendeenden, enti ɔkaa ntam+ sɛ, 11 ‘Mmarima a wɔfiri Egypt baeɛ a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire+ no biara nni hɔ a n’ani bɛhunu asase a mekaa Abraham ne Isak ne Yakob ntam+ sɛ mede bɛma wɔn no, ɛfiri sɛ wɔamfa wɔn akoma nyinaa anni m’akyi, 12 gye Kenisini Yefune ba Kaleb+ ne Nun ba Yosua,+ ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa dii Yehowa akyi.’ 13 Enti Yehowa bo fuu Israel, na ɔmaa wɔbɔɔ asesa ɛserɛ no so mfeɛ aduanan+ kɔsii sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a wɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne no nyinaa ase tɔreeɛ.+ 14 Na hwɛ, mo nso moyɛ abɔnefoɔ asefoɔ a moabɛdi mo agyanom adeɛ sɛ mobɛhuru Yehowa bo+ ama n’ani abere Israel so kɛse mpo. 15 Sɛ modane mo akyi kyerɛ no+ a, ɔno nso bɛsan ama nnipa no aka serɛ no so bio,+ na ɛba saa a, na moadi ɔman no nyinaa aborɔ.”+
16 Akyire yi wɔsan baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: “Ma yɛmfa aboɔ nsi buo mma yɛn mmoa wɔ ha, na yɛnkyekyere nkuro mma yɛn mma nkumaa. 17 Yɛn deɛ, yɛbɛma yɛn akodeɛ so+ adi Israelfoɔ anim akɔsi sɛ yɛde wɔn bɛduru wɔn tenabea, na yɛbɛgya yɛn mma ama wɔatena nkuro a ɛyɛ den mu na asase no sofoɔ anhu wɔn. 18 Yɛrensan nkɔ yɛn afie mu kɔsi sɛ Israelni biara bɛnya asase a ɛbɛyɛ n’agyapadeɛ.+ 19 Na agyapadeɛ a wɔbɛnya no Yordan atɔeɛ ne akyire no, yɛnka ho, ɛfiri sɛ yɛn agyapadeɛ wɔ Yordan apueeɛ.”+
20 Afei Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mobɛyɛ yei na moasiesie mo ho akɔko wɔ Yehowa anim+ 21 na obiara de n’akodeɛ atwa akɔ Yordan agya wɔ Yehowa anim akɔsi sɛ ɔbɛpamo n’atamfo nyinaa afiri n’ani soɔ+ 22 na wɔabrɛ asase no ase wɔ Yehowa anim+ ansa na moasan akɔ+ a, ɛnneɛ na mo ho sɔnn wɔ Yehowa ne Israel anim, na asase yi bɛyɛ mo agyapadeɛ Yehowa anim.+ 23 Nanso sɛ moanyɛ saa a, ɛnneɛ na moayɛ bɔne atia Yehowa.+ Na monhunu sɛ mo bɔne bɛbɔ mo tiri so.+ 24 Monkyekyere nkuro mma mo mma nkumaa na momfa aboɔ nyɛ buo mma mo mmoa, na monyɛ deɛ afiri mo anom aba no.”+
25 Afei Gad ne Ruben asefoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo nkoa bɛyɛ sɛdeɛ yɛn wura ahyɛ no.+ 26 Yɛn mma ne yɛn yerenom ne yɛn nnwan ne yɛn nyɛmmoa nyinaa bɛtena Gilead nkuro mu.+ 27 Na wo nkoa nyinaa bɛsiesie wɔn ho akɔko+ wɔ Yehowa anim, sɛdeɛ yɛn wura aka no.”
28 Enti Mose kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Eleasar ne Nun ba Yosua ne mpanimfoɔ a wɔdeda Israel mmusua ano no. 29 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Gad asefoɔ ne Ruben asefoɔ ne mo twa Yordan kɔko+ wɔ Yehowa anim na motumi di asase no so a, ɛnneɛ momfa Gilead mma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ.+ 30 Nanso sɛ wɔne mo ankɔko a, ɛnneɛ wɔntena mo mu wɔ Kanaan asase so.”+
31 Na Gad ne Ruben asefoɔ no nso kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka akyerɛ wo nkoa no, saa ara na yɛbɛyɛ.+ 32 Yɛbɛsiesie yɛn ho akɔ Kanaan asase so+ wɔ Yehowa anim na Yordan agya ha abɛyɛ yɛn agyapadeɛ.”+ 33 Afei Mose de Amorifoɔ hene Sihon+ ahemman ne Basan hene Og+ ahemman, kyerɛ sɛ nsase ne nkuro a atwa ahyia nyinaa, maa Gad asefoɔ+ ne Ruben asefoɔ+ ne Yosef ba Manase abusuakuo no fã.+
34 Gad asefoɔ kyekyeree Dibon,+ Atarot,+ Aroer,+ 35 ne Atrot-Sofan, Yaser,+ Yogbeha,+ 36 ne Bet-Nimra+ ne Bet-Haran,+ na wɔsisii aban+ wɔ ho. Afei wɔde aboɔ yɛɛ buo maa wɔn mmoa.+ 37 Ruben asefoɔ nso kyekyeree Hesbon,+ Eleale,+ Kiriataim,+ 38 ne Nebo+ ne Baal-Meon+ a akyire yi edin no sesaeɛ no, ne Sibma. Na wɔde din foforɔ maa nkuro a wɔkyekyereeɛ no.
39 Afei Manase ba Makir+ asefoɔ kɔko faa Gilead, na wɔpamoo Amorifoɔ a na wɔwɔ hɔ no. 40 Enti Mose de Gilead maa Manase ba Makir, na ɔtenaa hɔ.+ 41 Manase ba Yair nso kɔfaa nkuraa-nkuraa a ɛwowɔ hɔ no, na ɔtoo hɔ din Hawot-Yair.+ 42 Na Noba kɔfaa Kenat+ ne ɛho nkuro nyinaa, na ɔde ɔno ara ne din Noba frɛɛ hɔ.