Numeri 13:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Kaleb+ bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdwodwo nnipa no akoma ama wɔatie Mose, na ɔkaa sɛ: “Momma yɛnkɔ, na kwan biara so yɛbɛdi wɔn so nkonim afa asase no.”+ Numeri 14:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Nanso m’akoa Kaleb+ deɛ, ɛsiane sɛ honhom foforɔ wɔ ne soɔ na ɔde n’akoma nyinaa adi m’akyi+ nti, mede no bɛkɔ asase a ɔkɔhwɛɛ soɔ no so, na ɛbɛyɛ n’asefoɔ dea.+ Deuteronomium 1:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu,+ na mede asase a ɔde ne nan sii soɔ no bɛma ɔne ne mma, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa adi Yehowa akyi.+ Yosua 14:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Me nuanom a me ne wɔn kɔeɛ no maa nnipa no akoma tuiɛ;+ nanso me deɛ, mede m’akoma nyinaa dii Yehowa me Nyankopɔn akyi.+
30 Kaleb+ bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdwodwo nnipa no akoma ama wɔatie Mose, na ɔkaa sɛ: “Momma yɛnkɔ, na kwan biara so yɛbɛdi wɔn so nkonim afa asase no.”+
24 Nanso m’akoa Kaleb+ deɛ, ɛsiane sɛ honhom foforɔ wɔ ne soɔ na ɔde n’akoma nyinaa adi m’akyi+ nti, mede no bɛkɔ asase a ɔkɔhwɛɛ soɔ no so, na ɛbɛyɛ n’asefoɔ dea.+
36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu,+ na mede asase a ɔde ne nan sii soɔ no bɛma ɔne ne mma, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa adi Yehowa akyi.+
8 Me nuanom a me ne wɔn kɔeɛ no maa nnipa no akoma tuiɛ;+ nanso me deɛ, mede m’akoma nyinaa dii Yehowa me Nyankopɔn akyi.+