15 Na sɛ Yehowa ma mo nuanom home sɛ mo na wɔfa asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama wɔn+ no a, afei mobɛtumi asan aba abɛfa asase+ a wɔde ama mo no, deɛ Yehowa akoa Mose de ama mo Yordan agya wɔ apueeɛ fam no.’”+
8 Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne abusuakuo no fã a aka no kɔfaa asase a Mose de maa wɔn Yordan agya wɔ apueeɛ fam no, sɛdeɛ na Yehowa akoa Mose atwa ama wɔn dada no,+