33 Afei Mose de Amorifoɔ hene Sihon+ ahemman ne Basan hene Og+ ahemman, kyerɛ sɛ nsase ne nkuro a atwa ahyia nyinaa, maa Gad asefoɔ+ ne Ruben asefoɔ+ ne Yosef ba Manase abusuakuo no fã.+
12Yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ dii wɔn so faa wɔn nsase wɔ Yordan agya apueeɛ fam,+ ɛfiri Arnon+ subɔn ho kɔsi Bepɔ Hermon+ ne Araba+ nyinaa wɔ apueeɛ fam no:
8 Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne abusuakuo no fã a aka no kɔfaa asase a Mose de maa wɔn Yordan agya wɔ apueeɛ fam no, sɛdeɛ na Yehowa akoa Mose atwa ama wɔn dada no,+
33 ɛfiri Yordan ho kɔsi awiapueeɛ, Gileadfoɔ+ nsase nyinaa, Gadfoɔ+ ne Rubenfoɔ+ ne Manasefoɔ+ deɛ, ɛfiri Aroer+ a ɛbɛn Arnon subɔn ne Gilead ne Basan+ nso.