19 Deɛ ne ho teɛ no mfa mpete deɛ ne ho agu fĩ no so da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira ne ho da a ɛtɔ so nson no.+ Afei ɔnsi ne ntadeɛ na ɔnnware na ne ho bɛte anwummerɛ.
20 “‘Na sɛ obi ho nte na wannwira ne ho a, ɛnneɛ wɔntwa ɔkra a ɔte saa no mfiri asafo no mu,+ ɛfiri sɛ Yehowa kronkronbea no na wagu ho fĩ. Ɛsiane sɛ wɔamfa ahodwira nsuo no bi ampete ne ho nti, ne ho nte.