5 Na Ai mmarima no kunkum wɔn mu bɛyɛ aduasa nsia, na wɔtaa+ wɔn so firii kuro no ano kɔsii Sebarim, na berɛ a wɔresiane nyinaa na wɔrekunkum wɔn. Yei maa nnipa no akoma naneeɛ na ɛyɛɛ sɛ nsuo.+
24 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa de Sera ba Akan+ ne dwetɛ ne atadeɛ ne sika kɔkɔɔ+ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa ne n’anantwie ne ne mfunumu ne ne nnwan ne ne ntomadan ne biribiara a ɔwɔ baa Akor bɔn+ mu.
25 Afei Yosua kaa sɛ: “Adɛn nti na wode mmusuo aba yɛn soɔ yi?+ Yehowa nso de mmusuo bɛba wo so nnɛ.” Ɔkaa saa no, Israelfoɔ nyinaa sii no aboɔ,+ na akyire yi wɔde gya hyee wɔn.+ Enti wɔsii wɔn aboɔ.