Deuteronomium 5:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Afei Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmusɛm+ a mereka agu mo asom nnɛ yi. Monsua na monni ne nyinaa so.+ Deuteronomium 6:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na ma asɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so;+ Deuteronomium 12:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Monhwɛ nni asɛm biara a maka akyerɛ mo so.+ Mommfa bi nnka ho, na monnyi bi nso mmfiri mu.+ 2 Ahemfo 21:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na sɛ Israel hwɛ di deɛ mahyɛ wɔn+ no nyinaa, mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa so a, me nso meremma wɔn nan mfiri asase a mede maa wɔn agyanom no so+ nkɔkyinkyini bio.”
5 Afei Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmusɛm+ a mereka agu mo asom nnɛ yi. Monsua na monni ne nyinaa so.+
8 Na sɛ Israel hwɛ di deɛ mahyɛ wɔn+ no nyinaa, mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa so a, me nso meremma wɔn nan mfiri asase a mede maa wɔn agyanom no so+ nkɔkyinkyini bio.”