Yosua
21 Afei Lewi abusuakuo no mpanimfoɔ baa ɔsɔfoɔ Eleasar+ ne Nun ba Yosua+ ne Israel agyanom mmusua mu atitire nkyɛn 2 wɔ Silo,+ Kanaan asase so, bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nam Mose so kaa sɛ momma yɛn nkuro a yɛbɛtena mu ne mfikyisase a yɛn mmoa bɛdidi soɔ.”+ 3 Enti Israelfoɔ maa Lewifoɔ+ no nkuro ne mfikyisase; wɔyi firii wɔn agyapadeɛ mu, sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+
4 Afei wɔbɔɔ ntonto maa Kohatfoɔ+ mmusua nyaa wɔn deɛ, na Aaron mma asɔfoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no nyaa nkuro dumiɛnsa firii Yuda+ ne Simeon+ ne Benyamin+ mmusua no hɔ.
5 Na wɔbɔɔ ntonto maa Kohat+ mma a aka no nso nyaa nkuro du firii Efraim+ ne Dan+ mmusua ne Manase+ abusuakuo fã no hɔ.
6 Na wɔbɔɔ ntonto maa Gerson+ mma no nyaa nkuro dumiɛnsa firii Isakar+ abusuakuo ne Aser+ abusuakuo ne Naftali+ abusuakuo ne Manase abusuakuo fã a ɛwɔ Basan+ no hɔ.
7 Na Merari+ mma mmusua nso nyaa nkuro dumienu firii Ruben+ abusuakuo ne Gad+ abusuakuo ne Sebulon+ abusuakuo no hɔ.
8 Enti Israelfoɔ bɔɔ ntonto+ de nkuro yi ne ɛho mfikyisase a mmoa bɛdidi soɔ+ maa Lewifoɔ no, sɛdeɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ no.+
9 Na Yuda mma abusuakuo ne Simeon mma abusuakuo no de nkuro a wɔabobɔ din yi maeɛ,+ 10 na ɛbɛdii Aaron mma a wɔyɛ Kohat asefoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no nsam, ɛfiri sɛ wɔn na wɔnyaa ntonto a ɛdi kan no.+ 11 Enti wɔde Kiriat-Arba+ (ɛfiri sɛ na Arba yɛ Anak agya),+ anaa Hebron,+ a ɛwɔ Yuda bepɔ soɔ+ no ne ɛho mfikyisase nyinaa maa wɔn. 12 Na wɔde kuro no ho asase ne ne nkuraa nyinaa maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapadeɛ.+
13 Afei wɔde nkuro yi nso maa Aaron mma asɔfoɔ no: Hebron+ a sɛ obi kum nipa+ a ɔbɛdwane akɔ hɔ+ ne ɛho mfikyisase, Libna+ ne ɛho mfikyisase, 14 Yatir+ ne ɛho mfikyisase, Estemoa+ ne ɛho mfikyisase, 15 Holon+ ne ɛho mfikyisase, Debir+ ne ɛho mfikyisase, 16 Ain+ ne ɛho mfikyisase, ne Yuta+ ne Bet-Semes+ ne ɛho mfikyisase. Wɔnyaa nkuro nkron firii mmusua mmienu yi hɔ.
17 Nkuro a wɔnyaa no Benyamin abusuakuo no hɔ nie: Gibeon+ ne ɛho mfikyisase, Geba+ ne ɛho mfikyisase, 18 Anatot+ ne ɛho mfikyisase, ne Almon+ ne ɛho mfikyisase; nkuro nnan.
19 Enti nkuro a Aaron mma+ asɔfoɔ no nyaeɛ nyinaa yɛ nkuro dumiɛnsa ne ɛho mfikyisase.+
20 Na wɔbɔɔ ntonto no, Kohat mma mmusua a aka a wɔn nyinaa yɛ Lewifoɔ no nso nyaa nkuro firii Efraim+ abusuakuo no nkyɛn. 21 Enti nkuro a wɔde maa wɔn nie: Sekem+ a sɛ obi kum nipa+ a ɔbɛdwane akɔ hɔ+ ne ɛho mfikyisase+ a ɛwɔ Efraim mmepɔ soɔ, ne Geser+ ne ɛho mfikyisase, 22 Kibsaim+ ne ɛho mfikyisase, ne Bet-Horon+ ne ɛho mfikyisase; nkuro nnan.
23 Nkuro a wɔnyaa no Dan abusuakuo no hɔ nie: Elteke ne ɛho mfikyisase, Gibeton+ ne ɛho mfikyisase, 24 Ayalon+ ne ɛho mfikyisase, ne Gat-Rimon+ ne ɛho mfikyisase; nkuro nnan.
25 Nkuro a wɔnyaa no Manase abusuakuo fã no hɔ nie: Taanak+ ne ɛho mfikyisase, ne Gat-Rimon ne ɛho mfikyisase; nkuro mmienu.
26 Nkuro a Kohat mma mmusua a aka no nyaeɛ nyinaa yɛ nkuro du ne ɛho mfikyisase.
27 Gerson+ mma a wɔyɛ Lewifoɔ no nso nyaa nkuro. Nkuro a wɔnyaa no Manase abusuakuo fã+ no asase soɔ nie: Golan+ a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ ne ɛho mfikyisase wɔ Basan, ne Beestera+ ne ɛho mfikyisase; nkuro mmienu.
28 Nkuro a wɔnyaa no Isakar+ abusuakuo no hɔ nie: Kision+ ne ɛho mfikyisase, Daberat+ ne ɛho mfikyisase, 29 Yamut+ ne ɛho mfikyisase, ne En-Ganim+ ne ɛho mfikyisase; nkuro nnan.
30 Nkuro a wɔnyaa no Aser+ abusuakuo no hɔ nie: Misal+ ne ɛho mfikyisase, Abdon+ ne ɛho mfikyisase, 31 Helkat+ ne ɛho mfikyisase, ne Rehob+ ne ɛho mfikyisase; nkuro nnan.
32 Nkuro a wɔnyaa no Naftali+ abusuakuo no hɔ nie: Kedes+ a ɛwɔ Galilea a sɛ obi kum nipa+ a ɔbɛdwane akɔ hɔ+ ne ɛho mfikyisase, Hamot-Dor+ ne ɛho mfikyisase, ne Kartan ne ɛho mfikyisase; nkuro mmiɛnsa.
33 Enti nkuro a Gerson mma mmusua no nyaeɛ nyinaa yɛ nkuro dumiɛnsa ne ɛho mfikyisase.
34 Lewifoɔ a na wɔaka ne Merari+ mma mmusua no. Na nkuro a wɔnyaa no Sebulon+ abusuakuo no hɔ nie: Yokneam+ ne ɛho mfikyisase, Karta ne ɛho mfikyisase, 35 Dimna+ ne ɛho mfikyisase, ne Nahalal+ ne ɛho mfikyisase; nkuro nnan.
36 Nkuro a wɔnyaa no Ruben+ abusuakuo no hɔ nie: Beser+ ne ɛho mfikyisase, Yahas+ ne ɛho mfikyisase, 37 Kedemot+ ne ɛho mfikyisase, ne Mefaat+ ne ɛho mfikyisase; nkuro nnan.
38 Nkuro a wɔnyaa no Gad+ abusuakuo no hɔ nie: Ramot a ɛwɔ Gilead a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ ne ɛho mfikyisase,+ Mahanaim+ ne ɛho mfikyisase, 39 Hesbon+ ne ɛho mfikyisase, Yaser+ ne ɛho mfikyisase; nkuro no nyinaa yɛ nnan.
40 Enti wɔbɔɔ ntonto no, nkuro a Lewifoɔ a na wɔaka a wɔyɛ Merari+ mma mmusua no nyaeɛ nyinaa yɛ dumienu.
41 Nkuro a Lewifoɔ no nyaa no Israelfoɔ asase soɔ nyinaa yɛ nkuro aduanan nwɔtwe+ ne ɛho mfikyisase.+ 42 Ná mfikyisase atwa nkuro yi nyinaa ho ahyia; saa na na nkuro no nyinaa teɛ.+
43 Enti Yehowa de asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom+ no nyinaa maa Israelfoɔ tenaa so.+ 44 Na baabi a wɔwɔ biara no, Yehowa maa wɔhomee+ sɛdeɛ ɔkaa ho ntam+ kyerɛɛ wɔn agyanom no, na wɔn atamfo no biara antumi annyina wɔn anim.+ Yehowa de wɔn atamfo nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.+ 45 Nneɛma pa a Yehowa de hyɛɛ Israelfoɔ bɔ no baako mpo antɔ fam; ne nyinaa baa mu.+