Yosua 15:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yefune ba Kaleb+ deɛ, ɔmaa no asase wɔ Yudafoɔ mu sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ɛfiri sɛ na Arba yɛ Anak agya). Saa kuro yi ara ne Hebron.+ Atemmufoɔ 1:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Berɛ a wɔde Hebron maa Kaleb sɛdeɛ Mose kaeɛ no,+ ɔpamoo Anak+ mma mmiɛnsa no firii hɔ. 1 Berɛsosɛm 6:56 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 56 Na kuro no ho mfuo ne ɛho nkuraa+ no, wɔde maa Yefune+ ba Kaleb.+
13 Yefune ba Kaleb+ deɛ, ɔmaa no asase wɔ Yudafoɔ mu sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ɛfiri sɛ na Arba yɛ Anak agya). Saa kuro yi ara ne Hebron.+