Numeri 13:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Kaleb+ bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdwodwo nnipa no akoma ama wɔatie Mose, na ɔkaa sɛ: “Momma yɛnkɔ, na kwan biara so yɛbɛdi wɔn so nkonim afa asase no.”+ Deuteronomium 1:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu,+ na mede asase a ɔde ne nan sii soɔ no bɛma ɔne ne mma, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa adi Yehowa akyi.+ Yosua 14:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Afei Yosua hyiraa Yefune ba Kaleb, na ɔde Hebron maa no sɛ n’agyapadeɛ.+ Yosua 21:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na wɔde kuro no ho asase ne ne nkuraa nyinaa maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapadeɛ.+
30 Kaleb+ bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdwodwo nnipa no akoma ama wɔatie Mose, na ɔkaa sɛ: “Momma yɛnkɔ, na kwan biara so yɛbɛdi wɔn so nkonim afa asase no.”+
36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu,+ na mede asase a ɔde ne nan sii soɔ no bɛma ɔne ne mma, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa adi Yehowa akyi.+