1 Berɛsosɛm
6 Lewi+ mma ne Gerson,+ Kohat,+ ne Merari.+ 2 Kohat mma ne Amram,+ Yisar,+ Hebron,+ ne Usiel.+ 3 Amram+ mma ne Aaron+ ne Mose+ ne Miriam.+ Na Aaron mma ne Nadab+ ne Abihu,+ Eleasar+ ne Itamar.+ 4 Eleasar+ woo Finehas,+ na Finehas nso woo Abisua.+ 5 Abisua woo Buki; Buki nso woo Usi.+ 6 Usi woo Serahia; Serahia nso woo Meraiot.+ 7 Meraiot woo Amaria; Amaria nso woo Ahitab.+ 8 Ahitab woo Sadok;+ Sadok nso woo Ahimahas.+ 9 Ahimahas woo Asaria. Asaria nso woo Yohanan. 10 Yohanan nso woo Asaria.+ Ɔno na ɔdii sɔfoɔ, efie a Solomon sii no Yerusalem no mu.
11 Asaria woo Amaria.+ Amaria nso woo Ahitab.+ 12 Ahitab woo Sadok.+ Sadok nso woo Salum. 13 Salum woo Hilkia. Hilkia+ nso woo Asaria. 14 Asaria woo Seraia.+ Seraia nso woo Yehosadak.+ 15 Yehosadak yi na berɛ a Yehowa nam Nebukadnesar nsa so de Yuda ne Yerusalem kɔɔ nkoasom mu no, wɔde no kɔeɛ no.
16 Lewi+ mma ne Gersom, Kohat, ne Merari. 17 Yeinom ne Gersom mma din: Libni+ ne Simei.+ 18 Kohat+ mma ne Amram,+ Yisar, Hebron, ne Usiel.+ 19 Merari mma ne Mahli ne Musi.+
Yeinom ne Lewifoɔ mmusua sɛdeɛ wɔn agyanom din teɛ:+ 20 Gersom ba ne Libni,+ ɔno nso ne ba ne Yahat, ɔno nso ne ba ne Sima, 21 ɔno nso ne ba ne Yoa,+ ɔno nso ne ba ne Ido, ɔno nso ne ba ne Sera, ɔno nso ne ba ne Yeaterai. 22 Kohat mma no bi ne Aminadab, ɔno nso ne ba ne Kora,+ ɔno nso ne mma ne Asir, 23 ne Elkana, ne Ebiasaf,+ na Ebiasaf nso ba ne Asir; 24 ɔno nso ne ba ne Tahat, ɔno nso ne ba ne Uriel, ɔno nso ne ba ne Usia, ɔno nso ne ba ne Saul. 25 Elkana+ mma ne Amasai ne Ahimot. 26 Elkana mma no bi ne Sofai,+ ɔno nso ne ba ne Nahat, 27 ɔno nso ne ba ne Eliab,+ ɔno nso ne ba ne Yeroham, ɔno nso ne ba ne Elkana.+ 28 Samuel+ mma nie: N’abakan ne Yoel, na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Abia.+ 29 Merari mma no bi ne Mahli,+ ɔno nso ne ba ne Libni, ɔno nso ne ba ne Simei, ɔno nso ne ba ne Ussa, 30 ɔno nso ne ba ne Simea, ɔno nso ne ba ne Hagia, ɔno nso ne ba ne Asaia.
31 Yeinom na Dawid+ de nnwontoɔ hyɛɛ wɔn nsa wɔ Yehowa fie hɔ berɛ a wɔde Apam adaka no kɔsii hɔ no.+ 32 Ná wɔyɛ asomfoɔ+ a wɔto nnwom+ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no anim kɔsii sɛ Solomon sii Yehowa fie no Yerusalem;+ na wɔyɛɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no.+ 33 Yeinom ne wɔn a wɔsomeeɛ ne wɔn mma: Kohatfoɔ mu, odwontofoɔ Heman+ a ɔyɛ Yoel+ ba, Samuel+ ba, 34 Elkana+ ba, Yeroham ba, Eliel+ ba, Toa ba, 35 Suf+ ba, Elkana ba, Mahat ba, Amasai ba, 36 Elkana ba, Yoel ba, Asaria ba, Sefania ba, 37 Tahat ba, Asir ba, Ebiasaf+ ba, Kora+ ba, 38 Yisar+ ba, Kohat ba, Lewi ba, Israel ba.
39 Ná ne nua Asaf+ som wɔ ne nifa so. Asaf yɛ Berekia+ ba, Simea ba, 40 Mikael ba, Baaseia ba, Malkiya ba, 41 Etni ba, Sera ba, Adaia ba, 42 Etan ba, Sima ba, Simei ba, 43 Yahat+ ba, Gersom+ ba, Lewi ba.
44 Na wɔn nuanom Merari+ mma a na wɔwɔ wɔn benkum soɔ no bi ne Etan+ a ɔyɛ Kisi+ ba, Abdi ba, Maluk ba, 45 Hasabia ba, Amasia ba, Hilkia ba, 46 Amsi ba, Bani ba, Semer ba, 47 Mahli ba, Musi+ ba, Merari+ ba, Lewi ba.
48 Wɔde nokorɛ Nyankopɔn fie ntomadan mu adwuma+ nyinaa hyɛɛ wɔn nuanom Lewifoɔ+ no nsa. 49 Aaron+ ne ne mma na wɔbɔɔ afɔdeɛ+ wɔ ɔhyeɛ+ afɔrebukyia ne aduhwam+ afɔrebukyia so sɛdeɛ akronkronneɛ no ho adwuma nyinaa teɛ; wɔde pata+ maa Israel+ sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa. 50 Aaron+ mma no bi nso ne Eleasar,+ ɔno nso ne ba ne Finehas,+ ɔno nso ne ba ne Abisua,+ 51 ɔno nso ne ba ne Buki, ɔno nso ne ba ne Usi, ɔno nso ne ba ne Serahia,+ 52 ɔno nso ne ba ne Meraiot,+ ɔno nso ne ba ne Amaria, ɔno nso ne ba ne Ahitab,+ 53 ɔno nso ne ba ne Sadok,+ ɔno nso ne ba ne Ahimahas.+
54 Yeinom ne wɔn tenabea sɛdeɛ wɔn nsase a wɔatoto ho afasuo no teɛ;+ Aaron mma a wɔfiri Kohat+ abusua mu no nam ntonto so nyaa wɔn kyɛfa. 55 Enti wɔde Hebron+ a ɛwɔ Yuda asase soɔ ne ɛho mfikyisase a mmoa bɛdidi soɔ nyinaa maa wɔn. 56 Na kuro no ho mfuo ne ɛho nkuraa+ no, wɔde maa Yefune+ ba Kaleb.+ 57 Na Aaron mma no, nkuro a wɔde maa wɔn nie: dwankɔbea+ kuro Hebron,+ ne Libna+ ne ɛho mfikyisase, ne Yatir+ ne Estemoa+ ne ɛho mfikyisase, 58 ne Hilen+ ne ɛho mfikyisase, ne Debir+ ne ɛho mfikyisase, 59 ne Asan+ ne ɛho mfikyisase, ne Bet-Semes+ ne ɛho mfikyisase; 60 na Benyamin abusuakuo mu, wɔgyee Geba+ ne ɛho mfikyisase, ne Alemet+ ne ɛho mfikyisase, ne Anatot+ ne ɛho mfikyisase maa wɔn. Nkuro dumiɛnsa+ na wɔde maa wɔn mmusua.
61 Na Kohat mma a aka no nso, wɔnam ntonto so de abusuakuo no ne Manase abusuakuo fã no nkuro du+ maa wɔn.
62 Na Gersom+ mma no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔnam ntonto so de Isakar+ abusuakuo ne Aser+ abusuakuo ne Naftali+ abusuakuo ne Manase+ abusuakuo a ɛwɔ Basan no nkuro dumiɛnsa maa wɔn.
63 Merari+ mma no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔnam ntonto so de Ruben+ abusuakuo ne Gad+ abusuakuo ne Sebulon+ abusuakuo nkuro dumienu maa wɔn.
64 Enti Israelfoɔ de nkuro no ne ɛho mfikyisase+ a mmoa bɛdidi soɔ maa Lewifoɔ+ no. 65 Bio nso wɔnam ntonto so de Yuda+ mma abusuakuo ne Simeon+ mma abusuakuo ne Benyamin+ mma abusuakuo no nkuro a wɔabobɔ din yi maeɛ.
66 Na Kohat mma mmusua no bi nyaa nkuro wɔ Efraim+ abusuakuo asase so. 67 Enti nkuro a wɔde maa wɔn nie: dwankɔbea kuro Sekem+ ne ɛho mfikyisase a ɛwɔ Efraim mmepɔ soɔ, ne Geser+ ne ɛho mfikyisase, 68 ɛne Yokmeam+ ne ɛho mfikyisase, ne Bet-Horon+ ne ɛho mfikyisase, 69 ne Ayalon+ ne ɛho mfikyisase, ne Gat-Rimon+ ne ɛho mfikyisase; 70 wɔde Manase abusuakuo fã no kuro Aner+ ne ɛho mfikyisase, ne Bileam+ ne ɛho mfikyisase maa Kohat mma abusua nkaeɛ no.+
71 Na Gersom+ mma no, nkuro a wɔde maa wɔn nie: Manase abusuakuo fã no kuro Golan+ a ɛwɔ Basan ne ɛho mfikyisase ne Astarot+ ne ɛho mfikyisase; 72 ɛne Isakar abusuakuo kuro Kedes+ ne ɛho mfikyisase ne Daberat+ ne ɛho mfikyisase, 73 ne Ramot+ ne ɛho mfikyisase ne Anem+ ne ɛho mfikyisase; 74 ɛne Aser abusuakuo kuro Masal ne ɛho mfikyisase ne Abdon+ ne ɛho mfikyisase, 75 ne Hukok+ ne ɛho mfikyisase ne Rehob+ ne ɛho mfikyisase; 76 ɛne Naftali+ abusuakuo kuro Kedes+ a ɛwɔ Galilea+ ne ɛho mfikyisase ne Hamon ne ɛho mfikyisase ne Kiriataim+ ne ɛho mfikyisase.
77 Merari mma nkaeɛ no, nkuro a wɔde maa wɔn nie: Sebulon+ abusuakuo kuro Rimono+ ne ɛho mfikyisase ne Tabor ne ɛho mfikyisase, 78 ne Yordan a ɛwɔ Yeriko, de rekɔ Yordan apueeɛ fam no, Ruben+ abusuakuo kuro Beser+ serɛ so ne ɛho mfikyisase ne Yahas+ ne ɛho mfikyisase, 79 ne Kedemot+ ne ɛho mfikyisase ne Mefaat+ ne ɛho mfikyisase; 80 ɛne Gad+ abusuakuo kuro Ramot+ a ɛwɔ Gilead ne ɛho mfikyisase, ne Mahanaim+ ne ɛho mfikyisase, 81 ne Hesbon+ ne ɛho mfikyisase ne Yaser+ ne ɛho mfikyisase.