1 Berɛsosɛm
5 Israel ba panin+ ne Ruben,+ nanso ɔguu ne papa mpa ho fĩ,+ enti wɔde mpaninnie no maa Israel ba Yosef+ mma, na wɔantwerɛ ne din sɛ abakan. 2 Ná Yuda+ yɛ kɛseɛ wɔ ne nuanom mu; ne mu na na ɔkannifoɔ no bɛfiri aba,+ nanso Yosef na wɔde abakan no maa no.+ 3 Israel ba panin Ruben mma ne Hanok,+ Palu,+ Hesron, ne Karmi.+ 4 Yoel mma no bi ne Semaia, na Semaia ba ne Gog, na ɔno nso ne ba ne Simei, 5 na ɔno nso ne ba ne Mika, na ɔno nso ne ba ne Reaia, na ɔno nso ne ba ne Baal, 6 ɔno nso ne ba ne Beerah; ɔno na Asiria hene Tilgat-Pilneser+ de no kɔɔ nkoasom mu no; ná ɔyɛ Ruben asefoɔ mu bapɔmma. 7 N’agyanom abusua mu no, ne nuanom din, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ+ nie: Yeiel ne wɔn ti, afei Sakaria, 8 ne Yoel+ ba, Sema ba, Asas ba Bela—ɔno na na n’asefoɔ tete Aroer+ kɔpem Nebo+ ne Baal-Meon+ no. 9 Apueeɛ fam nso, wɔtena de kɔsii asubɔnten Eufrate+ serɛ no ano, ɛfiri sɛ na wɔn nyɛmmoa dɔɔso Gilead+ asase so. 10 Na Saul nna no mu no, wɔne Hagrifoɔ+ koeɛ na wɔdii wɔn so nkonim; enti wɔtenatenaa wɔn ntomadan mu wɔ Gilead apueeɛ fam mantam no mu baabiara.
11 Na Gad+ mma a wɔtoa wɔn soɔ no deɛ, wɔtenatenaa Basan+ kɔsii Saleka.+ 12 Yoel ne wɔn ti, na Safam tɔ so mmienu, ansa na Yanai ne Safat aba, ná wɔwɔ Basan. 13 Na wɔn nuanom a wɔfiri wɔn agyanom abusuafie ne Mikael, Mesulam, Saba, Yorai, Yakan, Sia, ne Eber; wɔyɛ nson. 14 Yeinom ne Bus ba, Yado ba, Yesisai ba, Mikael ba, Gilead ba, Yaroa ba, Huri ba, Abihail mma: 15 Guni ba Abdiel ba Ahi, a ɔyɛ wɔn agyanom abusuafie panin. 16 Wɔtenatenaa Gilead+ a ɛwɔ Basan+ ne ɛho nkuro+ mu ne Saron mfikyisase nyinaa so kɔsii n’ahyeɛ so. 17 Wɔtwerɛtwerɛɛ wɔn nyinaa din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, Yuda hene Yotam+ ne Israel hene Yeroboam*+ nna no mu.
18 Na Ruben mma ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo no fã no, ná wɔn mu mmarima akokoɔdurofoɔ+ a wɔkura akyɛm ne nkrantɛ a wɔnim agyan toɔ na wɔnim akodie no yɛ mpem aduanan nnan, ahanson aduosia a wɔkɔ ɔsa.+ 19 Wɔne Hagrifoɔ+ ne Yetur+ ne Nafis+ ne Nodab koeɛ. 20 Wɔboaa wɔn ɛko no mu, enti wɔdii Hagrifoɔ ne wɔn a wɔka wɔn ho nyinaa so nkonim, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na wɔsu frɛɛ no+ ɛko no mu, na wɔde wɔn ho too ne so, enti ɔtiee wɔn.+ 21 Na wɔfaa wɔn nyɛmmoa:+ yoma mpem aduonum, nnwan mpem ahanu aduonum, mfunumu mpem mmienu, ne nnipa, akra mpem ɔha.+ 22 Bebree totɔeɛ, ɛfiri sɛ na ɛko no yɛ nokorɛ Nyankopɔn no dea.+ Na wɔfaa wɔn nkuro tenatenaa mu kɔsii nkoasom berɛ no.+
23 Manase abusuakuo no fã+ tenatenaa Basan+ kɔsii Baal-Hermon+ ne Senir+ ne Bepɔ Hermon+ ho. Ná wɔdɔɔso. 24 Yeinom ne wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ: Efer, Yisi, Eliel, Asrel, Yeremia, Hodawia ne Yadiel, mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den na wɔwɔ din; wɔn nyinaa yɛ wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ. 25 Na wɔanni wɔn agyanom Nyankopɔn nokorɛ, na mmom wɔne asase no so aman a Onyankopɔn sɛee wɔn wɔ wɔn anim no anyame+ kɔbɔɔ adwaman.+ 26 Enti Israel Nyankopɔn hwanyanee Asiria+ hene Pul,+ kyerɛ sɛ, ɔhwanyanee Asiria hene Tilgat-Pilneser+ honhom,+ maa no faa Ruben ne Gad asefoɔ, ne Manase abusuakuo no fã kɔɔ nkoasom+ mu wɔ Hala+ ne Habor ne Hara ne Gosan asuo ho de bɛsi nnɛ.