Atemmufoɔ 2:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Nanso wɔn atemmufoɔ no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforɔ+ bɔɔ adwaman,+ na wɔkotoo wɔn. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔmane firii kwan a wɔn agyanom faa soɔ no so. Wɔn agyanom dii Yehowa ahyɛdeɛ so,+ nanso wɔn deɛ, wɔanyɛ saa. Atemmufoɔ 8:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Berɛ a Gideon wuiɛ ara pɛ na Israelfoɔ no san ne Baal kɔbɔɔ adwaman,+ na wɔde Baal-Berit yɛɛ wɔn nyame.+ 2 Ahemfo 17:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 wɔsisii abosom adum+ ne abosonnua+ wɔ nkokoɔ atenten+ so ne nnua kusuu+ nyinaa bi ase;
17 Nanso wɔn atemmufoɔ no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforɔ+ bɔɔ adwaman,+ na wɔkotoo wɔn. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔmane firii kwan a wɔn agyanom faa soɔ no so. Wɔn agyanom dii Yehowa ahyɛdeɛ so,+ nanso wɔn deɛ, wɔanyɛ saa.
33 Berɛ a Gideon wuiɛ ara pɛ na Israelfoɔ no san ne Baal kɔbɔɔ adwaman,+ na wɔde Baal-Berit yɛɛ wɔn nyame.+