Genesis 49:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Wo Yuda deɛ,+ wo nuanom bɛkamfo wo.+ Na wo nsa bɛsɔ w’atamfo kɔn akyi.+ Wo papa mma bɛkoto w’anim.+ Genesis 49:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ahempoma remfiri Yuda nsa,+ na tumi poma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ Silo bɛba;+ na ɔno na aman bɛtie no.+ Numeri 2:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 “Wɔn a wɔbɛsi wɔn ntomadan apueeɛ fam, baabi a awia pue fire no ne mmusua mmiɛnsa asafo a Yuda abusuakuo da wɔn ano no. Na Yuda abusuapanin ne Aminadab ba Naason.+ Numeri 10:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Mmusua mmiɛnsa a wɔwɔ Yuda nsraban mu no na wɔdii kan tuiɛ sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ.+ Deɛ na ɔda wɔn ano ne Aminadab ba Naason.+ Atemmufoɔ 1:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Yuda na ɔbɛkorɔ.+ Hwɛ, ɛkwan biara so, mede asase no bɛhyɛ ne nsa.” Dwom 60:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Gilead yɛ me dea, Manase nso yɛ me dea,+Na Efraim yɛ me otitire abankɛseɛ;Yuda yɛ m’ahempoma.*+
8 “Wo Yuda deɛ,+ wo nuanom bɛkamfo wo.+ Na wo nsa bɛsɔ w’atamfo kɔn akyi.+ Wo papa mma bɛkoto w’anim.+
10 Ahempoma remfiri Yuda nsa,+ na tumi poma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ Silo bɛba;+ na ɔno na aman bɛtie no.+
3 “Wɔn a wɔbɛsi wɔn ntomadan apueeɛ fam, baabi a awia pue fire no ne mmusua mmiɛnsa asafo a Yuda abusuakuo da wɔn ano no. Na Yuda abusuapanin ne Aminadab ba Naason.+
14 Mmusua mmiɛnsa a wɔwɔ Yuda nsraban mu no na wɔdii kan tuiɛ sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ.+ Deɛ na ɔda wɔn ano ne Aminadab ba Naason.+