Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
5 Israel ba panin Ruben+ asefoɔ din na ɛdidi so yi. Ná ɔyɛ ɔba panin, nanso ɔne ne papa mpena* daeɛ,*+ enti wɔde mpaninnie no maa Israel ba Yosef mma,+ na wɔantwerɛ ne din sɛ abakan. 2 Ná Yuda+ yɛ kɛseɛ wɔ ne nuanom mu, na ne mu na na ɔkannifoɔ no bɛfiri aba,+ nanso Yosef na abakan no kɔdii ne nsam. 3 Israel ba panin Ruben mma ne Hanok, Palu, Hesron, ne Karmi.+ 4 Yoel mma no bi ne Semaia, na Semaia ba ne Gog, na ɔno nso ba ne Simei, 5 na ɔno nso ba ne Mika, na ɔno nso ba ne Reaia, na ɔno nso ba ne Baal, 6 ɔno nso ba ne Beerah; ɔno na Asiria hene Tilgat-Pilneser+ kyee no kɔeɛ no; ná ɔyɛ Ruben asefoɔ mu ɔberempɔn. 7 Beerah agyanom abusua mu no, ne nuanom din, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Yeiel na ɔdi anim, afei Sakaria, 8 ne Bela a ɔyɛ Asas ba, Sema ba, Yoel ba; wɔtenatenaa Aroer+ kɔpem Nebo ne Baal-Meon.+ 9 Apueeɛ fam nso, wɔn atenaeɛ no kɔpem Asubɔnten Eufrate serɛ no ano,+ ɛfiri sɛ na wɔn nyɛmmoa adɔɔso wɔ Gilead asaase so.+ 10 Saul nna no mu no, wɔne Hagrifoɔ koeɛ na wɔdii wɔn so nkonim; enti wɔtenatenaa wɔn ntomadan mu wɔ Gilead apueeɛ fam baabiara.
11 Gad mma na na wɔtoa wɔn so wɔ Basan, na wɔn atenaeɛ no kɔpem Saleka.+ 12 Yoel na na ɔyɛ wɔn panin wɔ Basan, Safam na ɔdi hɔ, ansa na Yanai ne Safat aba. 13 Wɔn nuanom a wɔfiri wɔn agyanom abusuafie ne Mikael, Mesulam, Saba, Yorai, Yakan, Sia, ne Eber; wɔn nyinaa yɛ nson. 14 Weinom ne Abihail mma: Abihail yɛ Huri ba, Yaroa ba, Gilead ba, Mikael ba, Yesisai ba, Yado ba, Bus ba. 15 Ahi a ɔyɛ Abdiel ba, Guni ba no na na ɔyɛ wɔn agyanom abusuafie panin. 16 Wɔtenatenaa Gilead+ a ɛwɔ Basan+ ne ɛho nkuro mu ne Saron nsaase a mmoa didi so nyinaa so kɔsii n’ahyeɛ so. 17 Yuda hene Yotam+ ne Israel hene Yeroboam*+ nna no mu na wɔtwerɛtwerɛɛ wɔn nyinaa din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
18 Rubenfoɔ, Gadfoɔ, ne Manase abusuakuo no fã no, na wɔwɔ akatakyie 44,760 a wɔkurakura akyɛm, sekan, ne agyan, na na wɔasua akodie paa. 19 Wɔne Hagrifoɔ+ ne Yetur ne Nafis+ ne Nodab dii ako. 20 Onyankopɔn boaa wɔn ɛko no mu, enti wɔdii Hagrifoɔ ne wɔn a wɔka wɔn ho nyinaa so nkonim, ɛfiri sɛ wɔsu frɛɛ no ɛko no mu, na wɔde wɔn ho too ne so, enti ɔtiee wɔn adesrɛ no.+ 21 Wɔfaa wɔn nyɛmmoa: yoma 50,000, nnwan 250,000, mfunumu 2,000, ne nnipa* 100,000. 22 Nnipa bebree wuwui, ɛfiri sɛ na ɛko no yɛ nokorɛ Nyankopɔn no dea.+ Na wɔfaa wɔn nkuro tenatenaa mu kɔsii sɛ atamfo bɛtuu wɔn ase firii hɔ.+
23 Manase abusuakuo no fã+ tenaa asaase no so firi Basan kɔsii Baal-Hermon ne Senir ne Hermon Bepɔ ho.+ Ná wɔdɔɔso. 24 Weinom ne wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ: Efer, Yisi, Eliel, Asrel, Yeremia, Hodawia, ne Yadiel; ná wɔyɛ mmarima akatakyie a wɔagye din; wɔn nyinaa yɛ wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ. 25 Nanso wɔanni wɔn agyanom Nyankopɔn nokorɛ; wɔne asaase no so aman a Onyankopɔn sɛee wɔn firii wɔn anim no anyame kɔbɔɔ adwaman.+ 26 Enti Israel Nyankopɔn de hyɛɛ Asiria hene Pul+ (kyerɛ sɛ, Ɔhene Tilgat-Pilneser+ a ɔfiri Asiria) akomam maa no soaa Ruben ne Gad asefoɔ, ne Manase abusuakuo no fã kɔɔ Hala ne Habor ne Hara ne Asubɔnten Gosan ho,+ na wɔatena hɔ abɛsi nnɛ.