Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
6 Lewi+ mma ne Gerson, Kohat,+ ne Merari.+ 2 Kohat mma ne Amram, Yisar,+ Hebron, ne Usiel.+ 3 Amram+ mma* ne Aaron,+ Mose,+ ne Miriam.+ Na Aaron mma ne Nadab, Abihu,+ Eleasar,+ ne Itamar.+ 4 Eleasar woo Finehas,+ na Finehas nso woo Abisua. 5 Abisua woo Buki; Buki nso woo Usi. 6 Usi woo Serahia; Serahia nso woo Meraiot. 7 Meraiot woo Amaria; Amaria nso woo Ahitab.+ 8 Ahitab woo Sadok;+ Sadok nso woo Ahimahas.+ 9 Ahimahas woo Asaria; Asaria nso woo Yohanan. 10 Yohanan woo Asaria. Asɔrefie a Solomon sii wɔ Yerusalem no, ɔdii sɔfoɔ wɔ hɔ.
11 Asaria woo Amaria; Amaria nso woo Ahitab. 12 Ahitab woo Sadok;+ Sadok nso woo Salum. 13 Salum woo Hilkia;+ Hilkia nso woo Asaria. 14 Asaria woo Seraia;+ Seraia nso woo Yehosadak.+ 15 Wɔkyee Yehosadak kɔe berɛ a Yehowa nam Nebukadnesar so bɛsoaa Yuda ne Yerusalemfoɔ kɔeɛ no.
16 Lewi mma ne Gersom,* Kohat, ne Merari. 17 Weinom ne Gersom mma din: Libni ne Simei.+ 18 Kohat mma ne Amram, Yisar, Hebron, ne Usiel.+ 19 Merari mma ne Mahli ne Musi.
Weinom ne Lewifoɔ mmusua sɛdeɛ wɔn agyanom din teɛ:+ 20 Gersom+ ba ne Libni, ɔno nso ba ne Yahat, ɔno nso ba ne Sima, 21 ɔno nso ba ne Yoa, ɔno nso ba ne Ido, ɔno nso ba ne Sera, ɔno nso ba ne Yeaterai. 22 Kohat mma* no bi ne Aminadab, ɔno nso ba ne Kora,+ ɔno nso ba ne Asir, 23 ɔno nso ba ne Elkana, ɔno nso ba ne Ebiasaf,+ na Ebiasaf nso ba ne Asir, 24 ɔno nso ba ne Tahat, ɔno nso ba ne Uriel, ɔno nso ba ne Usia, ɔno nso ba ne Saul. 25 Elkana mma ne Amasai ne Ahimot. 26 Elkana foforɔ mma ne Sofai, ɔno nso ba ne Nahat, 27 ɔno nso ba ne Eliab, ɔno nso ba ne Yeroham, ɔno nso ba ne Elkana.+ 28 Samuel+ mma nie: N’abakan ne Yoel, na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Abia.+ 29 Merari mma* no bi ne Mahli,+ ɔno nso ba ne Libni, ɔno nso ba ne Simei, ɔno nso ba ne Ussa, 30 ɔno nso ba ne Simea, ɔno nso ba ne Hagia, na ɔno nso ba ne Asaia.
31 Weinom na Dawid de nnwontoɔ hyɛɛ wɔn nsa wɔ Yehowa fie hɔ berɛ a wɔde apam adaka no kɔsii hɔ no.+ 32 Ná wɔto nnwom wɔ ɔsom ntomadan no anim, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no anim kɔsii sɛ Solomon sii Yehowa fie no wɔ Yerusalem;+ wɔyɛɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no.+ 33 Weinom ne mmarima a wɔsomeeɛ; wɔne wɔn mma: Kohatfoɔ mu, ɔdwontofoɔ Heman+ a ɔyɛ Yoel+ ba, Samuel ba, 34 Elkana+ ba, Yeroham ba, Eliel ba, Toa ba, 35 Suf ba, Elkana ba, Mahat ba, Amasai ba, 36 Elkana ba, Yoel ba, Asaria ba, Sefania ba, 37 Tahat ba, Asir ba, Ebiasaf ba, Kora ba, 38 Yisar ba, Kohat ba, Lewi ba, Israel ba.
39 Ná ne nua Asaf+ gyina ne nifa so; Asaf yɛ Berekia ba, Simea ba, 40 Mikael ba, Baaseia ba, Malkiya ba, 41 Etni ba, Sera ba, Adaia ba, 42 Etan ba, Sima ba, Simei ba, 43 Yahat ba, Gersom ba, Lewi ba.
44 Wɔn nuanom Merari+ asefoɔ no, na wɔwɔ wɔn benkum so; wɔn ne Etan+ a ɔyɛ Kisi ba, Abdi ba, Maluk ba, 45 Hasabia ba, Amasia ba, Hilkia ba, 46 Amsi ba, Bani ba, Semer ba, 47 Mahli ba, Musi ba, Merari ba, Lewi ba.
48 Wɔde ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, nokorɛ Nyankopɔn no fie adwuma nyinaa hyɛɛ wɔn nuanom Lewifoɔ no nsa.+ 49 Aaron ne ne mma+ na wɔbɔɔ afɔreɛ wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia+ ne aduhwam afɔrebukyia so+ sɛdeɛ nneɛma kronkron paa no ho adwuma teɛ; wɔde pata maa Israel+ sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa. 50 Weinom ne Aaron asefoɔ:+ Ne ba ne Eleasar,+ ɔno nso ba ne Finehas, ɔno nso ba ne Abisua, 51 ɔno nso ba ne Buki, ɔno nso ba ne Usi, ɔno nso ba ne Serahia, 52 ɔno nso ba ne Meraiot, ɔno nso ba ne Amaria, ɔno nso ba ne Ahitab,+ 53 ɔno nso ba ne Sadok,+ ɔno nso ba ne Ahimahas.
54 Weinom ne wɔn tenabea sɛdeɛ wɔn nsaase* teɛ: Ntonto a wɔdii kan bɔeɛ no kɔsii Aaron mma a wɔfiri Kohat abusua mu no so maa wɔnyaa wɔn kyɛfa. 55 Wɔde Hebron+ a ɛwɔ Yuda asaase so ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so maa wɔn. 56 Kuro no ho nsaase ne ɛho nkuraa deɛ, wɔde maa Yefune ba Kaleb.+ 57 Na Aaron asefoɔ no, wɔmaa wɔn dwankɔbea nkuro+ no bi,* kyerɛ sɛ, Hebron,+ ɛnna Libna+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Yatir+ ne Estemoa ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so,+ 58 Hilen ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Debir+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 59 Asan+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Bet-Semes+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; 60 nsaase a wɔgye firii Benyamin abusuakuo no nsam maa wɔn nie: Geba+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Alemet ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Anatot+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so. Nkuro 13 na wɔde maa wɔn mmusua.+
61 Kohatfoɔ a aka no, wɔnam ntonto so maa wɔn nkuro du firii mmusuakuo afoforɔ ne Manase abusuakuo fã+ no hɔ.
62 Gersomfoɔ mmusua no, wɔmaa wɔn nkuro 13 firii Isakar abusuakuo ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo a ɛwɔ Basan+ no hɔ.
63 Merarifoɔ mmusua no, wɔnam ntonto so maa wɔn nkuro 12 firii Ruben abusuakuo ne Gad abusuakuo ne Sebulon abusuakuo+ no hɔ.
64 Enti Israelfoɔ de nkuro yi ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so maa Lewifoɔ no.+ 65 Bio nso, wɔbɔɔ ntonto de Yuda abusuakuo, Simeon abusuakuo, ne Benyamin abusuakuo no nkuro a wɔabobɔ din yi maeɛ.
66 Kohatfoɔ mmusua no bi nyaa nkuro firii Efraim abusuakuo no nkyɛn.+ 67 Wɔmaa wɔn dwankɔbea nkuro no bi,* kyerɛ sɛ, Sekem+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so a ɛwɔ Efraim mmepɔ mu, ɛne Geser+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 68 Yokmeam ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Bet-Horon+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 69 Ayalon+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Gat-Rimon+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; 70 wɔde Manase abusuakuo fã no kuro Aner ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Bileam ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so maa Kohatfoɔ mmusua a aka no.
71 Gersomfoɔ no, nkuro a wɔde maa wɔn nie: Manase abusuakuo fã no kuro Golan+ a ɛwɔ Basan ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so ne Astarot ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so;+ 72 Isakar abusuakuo no maa wɔn Kedes ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Daberat+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so,+ 73 Ramot ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Anem ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; 74 Aser abusuakuo no maa wɔn Masal ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Abdon ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so,+ 75 Hukok ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Rehob+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; 76 Naftali abusuakuo nso maa wɔn Kedes+ a ɛwɔ Galilea+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Hamon ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Kiriataim ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so.
77 Merarifoɔ nkaeɛ no, nkuro a wɔde maa wɔn nie: Sebulon abusuakuo+ no maa wɔn Rimono ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so ne Tabor ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; 78 Yordan a ɛwɔ Yeriko de rekɔ Yordan apueeɛ fam no, Ruben abusuakuo no de Beser serɛ so ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so ne Yahas+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 79 ne Kedemot+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so ne Mefaat ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so maa wɔn; 80 nkuro a Gad abusuakuo no de maa wɔn ne Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Mahanaim+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 81 Hesbon+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so ne Yaser+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so.