Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
7 Isakar mma ne Tola, Pua, Yasub ne Simron;+ wɔyɛ nnan. 2 Tola mma ne Usi, Refaia, Yeriel, Yamai, Yibsam, ne Semuel; wɔyɛ wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ. Tola asefoɔ no, na mmarima akokoɔdurofoɔ wom. Dawid berɛ so no, na wɔn dodoɔ yɛ 22,600. 3 Usi asefoɔ* ne Yesrahia ne Yesrahia mma Mikael, Obadia, Yoel, ne Yisiya. Nnum no nyinaa yɛ abusuafie mpanimfoɔ. 4 Wɔn asefoɔ a wɔfiri wɔn agyanom abusuafie a wɔka wɔn ho yɛ asraafoɔ 36,000 a wɔkɔ ɛko; ná wɔn yerenom ne wɔn mma dɔɔso. 5 Wɔn nuanom a wɔfiri Isakar abusuakuo nyinaa mu a wɔtwerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no yɛ mmarima akokoɔdurofoɔ 87,000.+
6 Benyamin+ mma ne Bela,+ Beker+ ne Yediael;+ wɔyɛ mmiɛnsa. 7 Bela mma ne Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri; wɔyɛ nnum. Wɔyɛ wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ ne mmarima akokoɔdurofoɔ; mmarima 22,034 na wɔtwerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ 8 Beker mma ne Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet; weinom nyinaa yɛ Beker mma. 9 Wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ mu no, mmarima akokoɔdurofoɔ 20,200 na wɔtwerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 10 Yediael+ mma no bi ne Bilhan ne Bilhan mma Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Sitan, Tarsis ne Ahisaha. 11 Weinom nyinaa yɛ Yediael mma. Wɔyɛ wɔn agyanom fie mpanimfoɔ, mmarima akokoɔdurofoɔ 17,200 a wɔkɔ ɛko.
12 Supim ne Hupim yɛ Ir+ mma; Husimfoɔ nso yɛ Aher asefoɔ.
13 Naftali+ mma ne Yasiel, Guni, Yeser, ne Salum. Wɔyɛ Bilha asefoɔ.*+
14 Manase+ asefoɔ nie: Asriel a ɔne ne mpena* Siriani woo no no. (Ɔbaa yi na ɔwoo Gilead agya Makir.+ 15 Makir ware maa Hupim ne Supim, na ne nuabaa din de Maaka.) Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Selofehad;+ Selofehad deɛ, ɔwoo mmaa nko ara.+ 16 Makir yere Maaka woe, na ɔtoo ne din Peres; ne nua din de Seres, na ne mma ne Ulam ne Rekem. 17 Ulam ba* ne Bedan. Weinom ne Gilead a Manase ba Makir woo no no mma. 18 Ne nuabaa ne Hamoleket a ɔwoo Ishod, Abiesar ne Mahla no. 19 Semida mma ne Ahian, Sekem, Liki ne Aniam.
20 Efraim+ asefoɔ nie: Sutela,+ ne ba ne Bered, ɔno nso ba ne Tahat, ɔno nso ba ne Eleada, ɔno nso ba ne Tahat, 21 ɔno nso ba ne Sabad, ɔno nso ba ne Sutela; Eser ne Elead nso ka ho. Gat mmarima+ a wɔwoo wɔn asaase no so no kunkum wɔn ɛfiri sɛ wɔbɛfaa wɔn nyɛmmoa. 22 Wɔn papa Efraim dii ho awerɛhoɔ nna pii, na ne nuanom baa ne nkyɛn bɛkyekyee ne werɛ. 23 Akyire yi, ɔne ne yere daeɛ, na ɔnyinsɛn woo ɔbabarima. Ɔtoo ne din Beria* ɛfiri sɛ ɔwoeɛ no na awerɛhoɔ wɔ ne fie. 24 Ne babaa ne Seera; ɔno na ɔkyekyeree Anaafoɔ+ ne Atifi Bet-Horon+ ne Usen-Seera. 25 Asefoɔ no bi ne Refa ne Resef,* ɔno nso ba ne Tela, ɔno nso ba ne Tahan, 26 ɔno nso ba ne Ladan, ɔno nso ba ne Amihud, ɔno nso ba ne Elisama, 27 ɔno nso ba ne Nun, na ɔno nso ba ne Yosua.*+
28 Wɔn agyapadeɛ ne wɔn atenaeɛ ne Betel+ ne ɛho nkuro, Naaran wɔ apueeɛ fam, Geser ne ɛho nkuro wɔ atɔeɛ fam, Sekem ne ɛho nkuro kɔsi Ayah* ne ɛho nkuro; 29 nkuro a ɛtoa Manase asefoɔ so ne Bet-Sean+ ne ɛho nkuro, Taanak+ ne ɛho nkuro, Megido+ ne ɛho nkuro, Dor+ ne ɛho nkuro. Nkuro yi mu na Israel ba Yosef asefoɔ tenatenaeɛ.
30 Aser mma ne Yimnah, Yiswa, Yiswi, Beria,+ ne wɔn nuabaa Serah.+ 31 Beria mma ne Heber ne Malkiel a ɔwoo Basait no. 32 Heber woo Yaflet, Somer, Hotam, ne wɔn nuabaa Sua. 33 Yaflet mma ne Pasak, Bimhal ne Aswat. Weinom ne Yaflet mma. 34 Semer* mma ne Ahi, Roga, Yehuba ne Aram. 35 Ne nua Helem* mma ne Sofa, Yimna, Seles ne Amal. 36 Sofa mma ne Suah, Harnefa, Sual, Beri, Yimra, 37 Beser, Hod, Samma, Silsa, Yitran ne Bera. 38 Yeter mma ne Yefune, Pispa ne Ara. 39 Ula mma ne Arah, Haniel ne Risia. 40 Weinom nyinaa yɛ Aser mma; wɔyɛ wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ, mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔayi wɔn. Wɔyɛ mmusua mu mpanimfoɔ; wɔn a wɔtwerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ+ no yɛ mmarima 26,000+ a wɔkɔ ɛko.