1 Berɛsosɛm
7 Isakar mma ne Tola,+ Pua,+ Yasub ne Simron,+ wɔyɛ nnan. 2 Tola mma ne Usi, Refaia, Yeriel, Yamai, Yibsam ne Semuel; wɔyɛ wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ. Tola asefoɔ no, na mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den wom. Dawid nna no mu no, na wɔn dodoɔ+ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahansia. 3 Usi mma no bi ne Yesrahia; na Yesrahia mma ne Mikael, Obadia, Yoel, Yisiya ne, , wɔyɛ nnum. Wɔn nyinaa yɛ abusuafie mpanimfoɔ. 4 Na wɔn asefoɔ a wɔfiri wɔn agyanom abusuafie a wɔka wɔn ho yɛ asraafoɔ mpem aduasa nsia a wɔkɔ ɔsa; ná wɔn yerenom ne wɔn mma dɔɔso.+ 5 Na wɔn nuanom a wɔfiri Isakar abusuakuo nyinaa mu, mmarima dodoɔ a wɔkan wɔn no yɛ mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den+ mpem aduɔwɔtwe nson.+
6 Benyamin+ mma ne Bela,+ Beker+ ne Yediael,+ wɔyɛ mmiɛnsa. 7 Bela+ mma ne Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri; wɔyɛ nnum. Wɔyɛ wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ; mmarima dodoɔ a wɔkan+ wɔn no yɛ mpem aduonu ne aduasa nnan. 8 Beker mma ne Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet; Yeinom nyinaa yɛ Beker mma. 9 Sɛ wɔbu wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ ano a, wɔn dodoɔ+ yɛ mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den mpem aduonu ne ahanu. 10 Yediael+ mma no bi ne Bilhan, na Bilhan mma ne Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Sitan, Tarsis ne Ahisaha. 11 Yeinom nyinaa yɛ Yediael mma. Wɔyɛ wɔn agyanom fie mpanimfoɔ, na wɔn dodoɔ yɛ mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den+ mpem dunson ne ahanu, asraafoɔ a wɔkɔ ɔsa.
12 Supim+ ne Hupim+ yɛ Ir+ mma; Husim asefoɔ nso yɛ Aher mma.
13 Naftali+ mma ne Yasiel,+ Guni,+ Yeser ne Salum.+ Bilha+ asefoɔ ne wɔn.
14 Manase+ mma no bi ne Asriel a ɔne ne yefam Siriani no woo no no. (Ɔbaa yi na ɔwoo Gilead agya Makir.+ 15 Makir ware maa Hupim ne Supim, na ne nuabaa din de Maaka.) Ne ba a ɔtɔ so mmienu ne Selofehad,+ na mma mmaa+ na Selofehad woeɛ. 16 Na Makir yere Maaka woo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Peres; ne nua din de Seres, na ne mma ne Ulam ne Rekem. 17 Ulam mma no bi ne Bedan. Yeinom nyinaa yɛ Gilead a Manase ba Makir woo no no mma. 18 Ne nuabaa ne Hamoleket a ɔwoo Ishod, Abiesar+ ne Mahla no. 19 Na Semida woo Ahian, Sekem, Liki ne Aniam.
20 Efraim+ asefoɔ ne Sutela+ ne ne ba Bered ne ne ba Tahat ne ne ba Eleada ne ne ba Tahat, 21 ne ne ba Sabad ne ne ba Sutela ne ne ba Eser ne ne ba Elead. Gat+ mmarima a wɔwoo wɔn asase no soɔ no kunkum wɔn ɛfiri sɛ wɔbɛfaa wɔn nyɛmmoa. 22 Wɔn papa Efraim dii ho awerɛhoɔ nna pii,+ na ne nuanom ba bɛkyekyeree ne werɛ. 23 Akyire yi, ɔkɔɔ ne yere ho, na ɔnyinsɛn+ woo ɔbabarima. Ɔtoo ne din Beria ɛfiri sɛ ɔwoeɛ no na awerɛhoɔ+ wɔ ne fie. 24 Ne babaa ne Seera; ɔno na ɔkyekyeree anafoɔ+ ne atifi+ Bet-Horon+ ne Usen-Seera. 25 Efraim ba ne Refa ne Resef,* ne ne ba Tela ne ne ba Tahan, 26 ne ɔno nso ne ba Ladan, ne ɔno nso ne ba Amihud, ne ɔno nso ne ba Elisama, 27 ne ɔno nso ne ba Nun,+ ne ɔno nso ne ba Yehosua.+
28 Wɔn agyapadeɛ ne wɔn atenaeɛ ne Betel+ ne ɛho nkuro, ne n’apueeɛ fam, Naaran,+ ne n’atɔeɛ fam, Geser+ ne ɛho nkuro, ne Sekem+ ne ɛho nkuro kɔsi Gasa* ne ɛho nkuro; 29 Manase nkuro nkyɛn nso, na wɔwɔ Bet-Sean+ ne ɛho nkuro, Taanak+ ne ɛho nkuro, Megido+ ne ɛho nkuro, Dor+ ne ɛho nkuro. Nkuro yi mu na Israel ba Yosef asefoɔ+ tenatenaeɛ.
30 Aser+ mma ne Yimnah,+ Yiswa, Yiswi,+ Beria,+ ne wɔn nuabaa Serah. 31 Beria mma ne Heber ne Malkiel a ɔwoo Basait no. 32 Heber woo Yaflet, Somer, Hotam, ne wɔn nuabaa Sua. 33 Yaflet mma ne Pasak, Bimhal ne Aswat. Yeinom ne Yaflet mma. 34 Semer mma ne Ahi, Roga, Yehuba ne Aram. 35 Ne nua Helem mma ne Sofa, Yimna, Seles ne Amal. 36 Sofa mma ne Suah, Harnefa, Sual, Beri, Yimra, 37 ne Beser, Hod, Samma, Silsa, Yitran ne Bera. 38 Yeter mma ne Yefune, Pispa ne Ara. 39 Ula mma ne Arah, Haniel ne Risia. 40 Yeinom nyinaa yɛ Aser mma; wɔyɛ wɔn agyanom abusuafie mpanimfoɔ,+ mmarima akokoɔdurofoɔ+ a wɔn ho yɛ den. Wɔyɛ mmapɔmma mu atitire; wɔn a wɔabobɔ wɔn din+ a wɔkɔ ɔsa no dodoɔ yɛ mmarima mpem aduonu nsia.+