8 Enti wɔsoma kɔboaboaa Filistifoɔ ahemfo no nyinaa ano baa wɔn nkyɛn, na wɔbisaa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momfa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat.”+ Enti wɔde Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.
14 Na nkuro a Filistifoɔ gye firii Israel nsam no, ɛsan bɛdii Israel nsam nkakrankakra, ɛfiri Ekron kɔsi Gat; ɛho nsase nso, Israel gye firii Filistifoɔ nsam.